Akuapem of Ghana

JOHN

1

Asɛm no

1 Mfiase no na Asɛm no wo hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. 2 Ɔno ara na mfiase no ɔne Nyankopɔn wo hɔ. 3 Ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe. 4 Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann; 5 na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni so. 6 Onipa bi wo hɔ a Onyankopɔn somaa no a ne din de Yohane. 7 Ɔno na ɔbaa adansedi sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, na nnipa nyinaa nam no so agye adi. 8 Ɛnyɛ ɔno ne hann no, na mmom ɔbae sɛ ɔrebedi hann no ho adanse. 9 Nokware hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no wɔ hɔ, na ɛno na ɛreba wiase yi. 10 Ɔwɔ wiase dedaw, na wɔnam no so na ɛyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no. 11 Ɔbaa n'ankasa ne de mu, na wɔn a wɔyɛ n'ankasa de no annye no. 12 Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din di no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma 13 a emfi mogya anaa nea ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ mu, na mmom efi Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.

Yohane adansedi

14 Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtraa yɛn mu, na yehuu n'anuonyam sɛ agya no ba a ɔwoo no koro anuonyam, na ɔdom ne nokware ayɛ no ma. 15 Yohane dii ne ho adanse, na ɔteɛɛm sɛ: Oyi ne nea mekae sɛ: Nea odi m'akyi reba no, wadi me kan, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba. 16 Na efi ne mayɛ mu na yɛn nyinaa anya ɔdom de abɔ ɔdom so. 17 Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na ɔdom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae. 18 Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ. 19 Na Yudafo somaa asɔfo ne Lewifo fi Yerusalem sɛ wommebisa no sɛ: Woyɛ hena? no, eyi ne Yohane adanse. 20 Na ɔpaee mu kae, na wansan; na ɔpaee mu kae sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no. 21 Na wobisaa no sɛ: Ɛnde na hena ne wo? Wone Elia? Na ose: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifo no? Na obuae sɛ: Dabi. 22 Ɛnna wosee no sɛ: Ɛhena ne wo? na yennya bi nkobua wɔn a wosomaa yɛn no; woka wo ho asɛm bɛn? 23 Ose: mene ɛnne a ɛteɛm sare so sɛ: Monteɛ Awurade kwan! sɛnea odiyifo Yesaia kae no. 24 Nso na wɔn a wosomaa wɔn no fi Farisifo mu. 25 Na wobisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no anaa Elia anaa odiyifo no a, ɛnde adɛn nti na wobɔ asu yi? 26 Yohane buaa wɔn sɛ: Me de, mebɔ asu nsu mu, na obi a munnim no gyina mo mfinimfini. 27 Ɔno ne nea odi m'akyi reba a wadi me kan a mensɛ sɛ mesan ne ntokota hama po. 28 Eyinom bae wo Betania, Yordan agya nohɔ, nea Yohane rebɔ asu hɔ.

Onyankopɔn guammaa no

29 Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ose: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni. 30 Oyi ne nea mekae wo ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m'akyi reba a wadi me kan, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba. 31 Na me de, anka minnim no; na sɛ wobeyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsu mu. 32 Na Yohane dii adanse sɛ: Mihuu Honhom no sɛ ofi soro resian sɛ aborɔnoma, na ɔbɛtraa no so. 33 Na me de, anka minnim no, na nea ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsu mu no, ɔno ara na osee me sɛ: Nea wubehu sɛ Honhom no resian abɛtra no so no, ɔno ne nea ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu. 34 Na mahu na madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.

Yohane asuafo baanu dan Yesu asuafo

35 Ade kyee bio no, na Yohane ne n'asuafo mu baanu gyina hɔ. 36 Na ohuu Yesu a ɔnennam hɔ no, ɔkae sɛ: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa no ni. 37 Na asuafo baanu no tee sɛ ɔrekasa, na wokodii Yesu akyi. 38 Na Yesu dan ne ho na ohuu wɔn sɛ wodi n'akyi no, osee wɔn sɛ: Mohwehwɛ dɛn? Na wosee no sɛ: Rabi (a ne nkyerɛase ne kyerɛkyerɛfo), ɛhe na wote? 39 Osee wɔn sɛ: Mommra mmɛhwɛ! Enti wɔkɔe, na wokohuu nea ɔte; na wɔtraa ne nkyɛn ɛda no; na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so du. 40 Andrea, Simon Petro ne nua, yɛ baanu no a wɔtee sɛ Yohane rekasa na wodii n'akyi no mu biako. 41 Ɔno na ohuu n'ankasa ne nua Simon kan, na osee no sɛ: Yɛahu Mesia (a ne nkyerɛase ne Kristo) no. 42 Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu huu no no, ɔkae sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (a ne nkyerɛase ne Petro).

Filipo ne Natanael

43 Ade kyee no, Yesu pɛe sɛ ofi hɔ kɔ Galilea; na ohuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m'akyi! 44 Nso Filipo fi Betsaida, Andrea ne Petro kurom. 45 Filipo huu Natanael, na osee no sɛ: Nea Mose, wo mmara no mu, ne adiyifo no kyerɛw ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ofi Nasaret. 46 Na Natanael see no sɛ: So biribi pa bi betumi afi Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ! 47 Yesu huu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkae wo ne ho sɛ; Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni! 48 Natanael see no sɛ: Ɛdɛn na wode huu me? Yesu bua see no sɛ: Filipo nnya mfrɛɛ wo na wowɔ borɔdɔma no ase no na mihuu wo. 49 Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene. 50 Yesu bua see no sɛ: Sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ mihuu wo borɔdɔma no ase nti na ɛma wugye di yi? Wubehu nneɛma akɛse a ɛsen eyinom. 51 Na osee no sɛ: Nokware, nokware, mise mo sɛ, mubehu ɔsoro sɛ abue, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian onipa ba no so.

2

Kana ayeforohyia

1 Na da a ɛto so abiɛsa no, wohyiaa ayeforo wo Kana a ɛwɔ Galilea, na Yesu ne na wo hɔ. 2 Na wohyiaa Yesu ne n'asuafo nso baa ayeforo no ase. 3 Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wonni nsa. 4 Yesu see no sɛ: Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnui. 5 Ne na see asomfo no sɛ: Biribiara a obese mo no, monyɛ! 6 Nso abo nsuhina asia sisi hɔ, sɛnea Yudafo ahodwira te, biako betumi agye susuhina abien anaasɛ abiɛsa. 7 Yesu see wɔn sɛ: Momfa nsu nhyehyɛ nhina yi mamal Na wohyehyɛɛ no ma tɛntɛnn. 8 Na osee wɔn sɛ: Afei monsesaw mfa nkɔma adidiihwɛfo no! 9 Na wɔde kɔe. Na adidiihwɛfo no kaa nsu a adan nsa no hwɛe no—na nonim nea efi, na asomfo a wɔsesaw nsu no de, wonim—na adidiihwɛfo no frɛɛ ayeforokunu no, 10 na osee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ wɔbobow a, ɛno ansa na wɔde nea ɛnyɛ ba; na wo de, wode nsa pa no asie abedu sesɛɛ. 11 Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wo Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n'anuonyam kyerɛe; na n'asuafo no gyee no dii.

Kapernaum ne Yerusalem

12 Eyi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔno ne ne na, ne nuanom ne n'asuafo no, na wɔanni nna bebree wo hɔ. 13 Na Yudafo Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem.

Yesu pam aguadifo fi asɔrefi

14 Na okohuu wɔn a wɔtɔn anantwi ne nguan ne mmorɔnoma ne sikasesafo sɛ wɔtete asɔrefi. 15 Na ɔde hama yɛɛ mpire pam wɔn nyinaa,—nguan ne anantwi no—fii asɔrefi hɔ, na ohwiee sikasesafo no sika gui, na ɔkaa apon no butubutuwii; 16 na osee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa eyinom mfi ha, monnyɛ m'agya fi aguadi fi! 17 Na n'asuafo no kaee sɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo fi ho mmɔdenbɔ amene me.

Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ

18 Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Sɛnkyerɛnne bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ eyinom? 19 Yesu bua see wɔn sɛ: Munnwiriw asɔredan yi, na mede nnansa mɛma so bio. 20 Ɛnna Yudafo no sɛ: Mfirihyia aduanan asia na wɔde sii asɔredan yi, na wo de, nnansa na wode bɛma so? 21 Na ɔno de, ɔkae no, na ɔde ne nipadua asɔredan. 22 Enti ɔsɔre fii awufo mu no, n'asuafo no kaee sɛ waka eyi, na wogyee kyerɛw no ne nsɛm a Yesu kae no dii.

Yesu akyidifo foforo

23 Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ no mu no, afahyɛ no ase nnipa bebree huu ne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, wogyee ne din dii. 24 Na Yesu ankasa de, wamfa ne ho anto wɔn so, efisɛ onim wɔn nyinaa, 25 na enhia no sɛ obi di onipa ho adanse; na ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu.

3

Nikodemo

1 Na onipa bi a ofi Farisifo no mu wo hɔ a ne din de Nikodemo a ɔyɛ Yudafo panyin bi; 2 ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na obesee no sɛ: Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ okyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho_ 3 Yesu bua see no sɛ: Nokware, nokware, mise wo sɛ: Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no. 4 Nikodemo see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyin no, wobetumi awo no? Obetumi akɔ ne na yam bio na woawo no? 5 Yesu buae sɛ: Nokware, nokware, mise wo sɛ: Woamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, orentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu. 6 Nea wofi honam mu awo no no yɛ ohonam; na nea wofi Honhom mu awo no no yɛ honhom. 7 Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ: Etwa sɛ wowo mo foforo. 8 Mframa bo nea ɛpɛ, na wote ne nka, na wunnim nea efi ba ne nea ɛreko. Saa ara nso na obiara a woawo no fi Honhom mu no te. 9 Nikodemo bua see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na eyinom ayɛ? 10 Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfo na wunnim eyinom? 11 Nokware, nokware, mise wo sɛ: Nea yenim na yɛka, na nea yɛahu na yedi ho adanse; nanso munnye yɛn adanse no. 12 Sɛ maka mo fam asɛm na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka mo osoro nsɛm no a, mubegye adi? 13 Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, onipa ba a owo osoro no. 14 Na sɛnea Mose maa owo no so sare so no, saa ara na etwa sɛ woma onipa ba no so, 15 na obiara a ogye no di no anya daa nkwa. 16 Na sɛnea Onyankopɔn do wiase ni, sɛ ɔde ne ba a owoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa. 17 Na Onyankopɔn ansoma oba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ womfa no so nnye wiase. 18 Nea ogye no di no, wommu no atɛn; na nea onnye nni no, woabu no atɛn dedaw sɛ wannye Onyankopɔn ba koro no din no anni. 19 Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa do sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bone. 20 Na obiara a oyɛ bone no tan hann no, na omma hann no ho, na woanyi no ne nnwuma ho ntɛn. 21 Na nea ɔyɛ nea ɛyɛ nokware no ba hann no ho sɔ ne nnwuma mmɛda adi, efisɛ oyɛɛ no Onyankopɔn mu.

Yohane adansedi foforo

22 Eyinom akyi no, Yesu ne n'asuafo no baa Yudea asase so; na ɔne wɔn traa hɔ, na ɔbɔɔ asu. 23 Na Yohane nso rebɔ asu wo Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ asuasu pii wo hɔ; na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu. 24 Na wonnya mfaa Yohane ntoo afiase ɛ. 25 Ɛnna ahodwira ho akyinnyegye bi sɔree Yohane asuafo ne Yudafo ntam. 26 Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ; Rabi, nea ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya nohɔ a wudii ne ho adanse no, hwɛ, ɔno nso bɔ asu, na nnipa nyinaa ba ne nkyɛn. 27 Yohane bua kae sɛ: Onipa ntumi nnya biribi, gye sɛ wɔde fi soro ama no ansa. 28 Mo ankasa mudi me adanse sɛ mekae sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no, na wosomaa me dii n'anim. 29 Nea ayeforo wo no no ne ayeforokunu; na ayeforokunu adamfo a ogyina hɔ na otie no de, ogye na n'ani gye, ayeforokunu no nne nti. Afei na me saa anigye yi awie pɛyɛ. 30 Ɔno de, etwa sɛ ɔdɔre, na me de, me so huan. 31 Nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa. Nea ofi fam no fi fam, na ofi fam kasa; nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa, 32 na nea wahu na wate no, ɛno ho adanse na odi; na obi nnye n'adanse no. 33 Nea wagye n'adanse no asɔ ano sɛ Onyankopɔn yɛ onokwafo. 34 Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma. 35 Agya no dɔ ɔba no, na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa. 36 Nea ogye ɔba no di no wo daa nkwa; na nea ontie ɔba no no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuw da no so.

4

Kristo kɔ Galilea

1 Afei Awurade hui sɛ Farisifo ate sɛ Yesu nya asuafo bebree na ɔbɔ nnipa pii asu sen Yohane no, 2 —nso Yesu ankasa de, ɔmmɔ asu, na n'asuafo no— 3 ofii Yudea, na osiim kɔɔ Galilea bio. 4 Na etwa sɛ ɔfa Samaria. 5 Na afei oduu Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asasewa a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. 6 Nso Yakob abura wo hɔ. Na sɛ Yesu abrɛe n'akwantu mu nti, ɔtraa abura no so saa ara; ɛbɛyɛ dɔn a ɛto so asia.

Samariani bea no

7 Na ɔbea bi a ofi Samaria baa hɔ bɛtow nsu. Yesu see no sɛ: Ma me bi mennom! 8 Na n'asuafo no kɔ kurow no mu akɔtɔ aduan. 9 Ɛnna Samariani bea no see no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani bisa me a meyɛ Samariani bea hɔ nsu anom? Efisɛ Yudafo ne Samariafo nka. 10 Yesu bua see no sɛ: Sɛ wunim Onyankopɔn akyɛde ne nea ose wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wubebisa no, na wama wo nkwa nsu. 11 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: Owura, wunni ade a wɔde tow, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wunya nkwa nsu no fi? 12 So woyɛ kɛse sen yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi na ɔno ankasa ne ne mma ne ne mmoa nom bi no? 13 Yesu bua see no sɛ: Obiara a ɔnom nsu yi bi no, osukɔm bɛde no bio. 14 Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mema no no bɛeye nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wo no mu. 15 Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ma me saa nsu yi bi ɛ, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛtow nsu. 16 Osee no sɛ: Kɔfre wo kunu bra ha! 17 Ɔbea no bua kae sɛ: Minni kunu. Yesu see no sɛ: Woaka no yiye sɛ wuse: Minnikunu; 18 nawoaware kununom baanum, na nea woware no nnɛ yi de, ɔnyɛ wo kunu. Eyi de woaka no nokware 19 Ɔbea no see no sɛ: Owura, mahu sɛ woyɛ odiyifo. 20 Yɛn agyanom sɔree bepɔw yi so; na mo de, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre. 21 Yesu see no sɛ: Ɔbea, gye me di sɛ, da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so anaase Yerusalem na mobɛsɔre agya no. 22 Mosɔre nea munnim; yɛn de, yɛsɔre nea yenim, efisɛ ogye no fi Yudafo mu. 23 Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya norehwehwɛ. 24 Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu, 25 Ɔbea no see no sɛ: Minim sɛ Mesia a wɔfrɛ no Kristo no reba; na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn ne nyinaa. 26 Yesu see no sɛ: Me a me ne wo rekasa yi, mene no. 27 Saa bere no na n'asuafo no bae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ ɔne ɔbea no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Den na wohwehwe? anaase: Aden na wo ne [ɔbea] no rekasa yi? 28 Ɛnna ɔbea no gyaw n'asuhina no, na ɔkɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ: 29 Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa? 30 Ɛnna wofii kurow no mu baa ne nkyɛn.

Honhomfam twa adwuma

31 Saa bere no mu na n'asuafo no see no sɛ: Rabi, didi! 32 Na osee wɔn sɛ: Mewɔ aduan midi a munnim. 33 Enti n'asuafo no sisee wɔn ho sɛ: Obi abrɛ no biribi adi anaa? 34 Yesu see wɔn sɛ: M'aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n'adwuma. 35 Ɛyɛ a, monka sɛ aka asram anan na otwa bere adu? Hwɛ, mise mo sɛ, momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa. 36 Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu, na nea ogui ne nea otwae ani agye prɛko. 37 Na eyi mu na asɛm no yɛ nokware se: Obi gu, na obi twa. 38 Me de, mesomaa mo sɛ munkotwa nea moanyɛ ho adwuma; ebinom ayɛ, na mo de, moabedi wɔn adwuma so aba.

Samariafo pii gyee Yesu kyerɛkyerɛ

39 Na Samariafo a wɔwɔ kurow no mu no mu pii gyee no dii, ɔbea no adanse a odii sɛ: Waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, no nti. 40 Enti, Samariafo no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntra wɔn nkyɛn, na ɔtraa hɔ nnanu. 41 Na nnipa pii a ɛsen kan de no gyee no dii n'asɛm nti, 42 na wɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Afei ɛnyɛ w'asɛm nti na yegye di, na yɛn ankasa ate na yɛahu sɛ oyi ne wiase agyenkwa no ampa.

Galileafo gyee Yesu

43 Na nnanu akyi no, ofii hɔ kɔɔ Galilea. 44 Na Yesu ankasa dli adanse sɛ odiyifo nni nidi n'ankasa ne kurow mu. 45 Na oduu Galilea no, Galileafo no a wohuu nea ɔyɛe Yerusalem afahyɛ ase no nyinaa gyee no, efisɛ wɔn nso wɔbaa afahyɛ no ase bi.

Ahenkwaa panyin bi ba ayaresa

46 Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, nea ɔdan nsu nsa no bio. Na ahenkwaa panyin bi wo hɔ a ne ba yare wo Kapernaum, 47 Na ɔtee sɛ Yesu fi Yudea aba Galilea no, osiim kɔɔ ne nkyɛn, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa ne ba yare; na ɔreyɛ awu. 48 Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhu nsɛnkyerɛnne ne nkonyaa a, morennye nni. 49 Ahenkwaa panyin no see no sɛ: Owura, bra, na me ba no anwu ansa. 50 Yesu see no sɛ: Kɔ, wo ba no ho ayɛ no den! Na onipa no gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no dii, na ɔkɔe. 51 Na ɔrekɔ no, ne nkoa behyiaa no, na wɔkae sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den! 52 Ɛnna obisaa wɔn dɔn ko a ne ho fi ninnim no; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nnɛra dɔn a ɛto so ason no na atiridii no gyaa no. 53 Ɛnna agya no hui sɛ ɛyɛ dɔn no ara a Yesu see no sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den no mu; na ɔno ne ne fifo nyinaa gye dii. 54 Eyi nso ne sɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fi Yudea baa Galilea no, ɔyɛe.

5

Betsaida obubuafo no ayaresa

1 Eyi akyi no, Yudafo afahyɛ dui, na Yesu kɔɔ Yerusalem. 2 Nso ɔtare bi wo Yerusalem nguanten ponkɛse a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwironoo anum no ho. 3 Na eyinom mu na nnipa pii, ayarefo, anifuraefo, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwu dedae retwɛn nsu no wosow. 4 Na edu bere bi mu a, ɔbɔfo sian ba ɔtare no mu bɛfono nsu no, na nea nsu no fono akyi no odi kan kɔ mu no, ɔyare biara a ɔyare no, na ne ho ayɛ no den. 5 Na onipa bi wo hɔ a wadi mfirihyia aduasa awotwe n'ahoɔmmerɛw mu. 6 Ɔno na Yesu huu no sɛ ɔda hɔ na ɔtee sɛ wakyɛ no, osee no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa? 7 Ɔyarefo no buaa no sɛ: Owura, minni onipa bi a sɛ nsu no fono a, ɔde me kɔto ɔtare no mu; na sɛ merekɔ a, na obi adi me kan akɔ mu. 8 Yesu see no sɛ: Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nantew! 9 Na ntɛm ara onipa no ho yɛɛ no den, na oyii ne kɛtɛ, na ɔnantewee. Nso da no yɛ homeda.

Yudafo akyinnyegye

10 Enti Yudafo no ka kyerɛɛ nea wasa no yare no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wunni ho kwan sɛ wosoa wo kete. 11 Obuaa wɔn sɛ: Nea ɔmaa me ho yee me den no, ɔno ara no osee me sɛ: Yi wo kɛtɛ, na nantew! 12 Ɛnna wobisaa no sɛ: Hena ne onipa a osee wo sɛ: Yi wo kɛtɛ, na nantew no? 13 Nso nea ne ho asan no nnim onipa ko; efisɛ nkurɔfokuw no wo hɔ nti, Yesu atwe ne ho afi hɔ. 14 Eyi akyi no, Yesu huu no asɔrefi, na osee no sɛ: Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na nea ɛyɛ bɔne sen eyi anyɛ wo. 15 Onipa no siim kɔe kɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔmaa ne ho yɛɛ no den. 16 Na eyi nti Yudafo no taa Yesu, efisɛ waye nneema yi homeda. 17 Na obuaa wɔn sɛ: M'agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma. 18 Na eyi mmom nti afei Yudafo no hwehwɛe sɛ wokum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom sɛ ɔfrɛ Onyankopɔn n'ankasa n'agya de yɛ ne ho sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ.

Yesu mmuae

19 Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Nokware, nokware, mise mo sɛ, ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na ɔba no nso yɛ. 20 Na agya no dɔ ɔba no, na ɔkyerɛ no nea n'ankasa yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛse a ɛsen eyinom, na ayɛ mo nwonwa. 21 Na sɛnea agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa, 22 Na agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ ɔba no nsa, 23 sɛ wɔn nyinaa nni ɔba no ni, sɛnea wodi agya no ni no. Nea onni ɔba no ni no nni agya a ɔsomaa no no ni.

Owusɔre ne atemmu

24 Nokware, nokware, mise mo sɛ: Nea ɔte m'asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wo daa nkwa, na ɔremma atemmu mu, na watwam afi wu mu akɔ nkwa mu. 25 Nokware, nokware, mise mo sɛ: Dɔn no reba na adu a awufo bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔte no benya nkwa. 26 Na sɛnea agya no wo nkwa n'ankasa mu no, saa ara na ɔde ama ɔba no nso sɛ onnya nkwa n'ankasa mu; 27 na wama no tumi sɛ ommu aten nso, efisɛ ɔye onipa ba. 28 Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, 29 na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔaye bone no bɛkɔ atemmu sɔre mu. 30 Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛnea mete no na mibu atɛn, na m'atemmu no yɛ trenee, Na menhwehwɛ nea m'ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde. 31 Sɛ m'ankasa midi me ho adanse a, m'adanse no nyɛ nokware. 32 Obi wo hɔ a odi me ho adanse, na minim sɛ adanse a odi me ho no yɛ nokware,

Osuboni Yohane adanse

33 Mo de, moasoma akɔ Yohane nkyɛn, na wadi nokware adanse; 34 na me de, minnye adanse onipa bi nkyɛn, na meka mo eyinom, na moanya nkwa. 35 Ɔno ne kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn; na mo de, mopɛe sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.

Onyankopɔn ankasa adanse

36 Na me de, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no; na nnwuma a agya no de ama me sɛ minwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanse sɛ agya no na asoma me. 37 Na agya no a ɔsomaa me no ankasa adi me ho adanse. Moante ne nne ara da, nso moanhu ne suban; 38 na munni n'asɛm no wo mo mu, efisɛ nea ɔsomaa no no, munnye no nni!

Apam dedaw adanse

39 Mohwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu, efisɛ mususuw sɛ mowɔ daa nkwa wo mu; na ɛne nea edi me ho adanse, 40 na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa.

Nidi horow abien

41 Minnye anuonyam mfi nnipa nkyɛn, 42 na mahu mo sɛ munni Nyankopɔn dɔ wo mo mu. 43 Me de, mebae m'agya din mu, na munnye me; sɛ ɔfoforo ba n'ankasa din mu a, ɔno na mubegye no. 44 Ɛbɛyɛ den na mo a mugye anuonyam mo ho mo ho nkyɛn betumi agye adi, na Onyankopɔn koro no nkyɛn anuonyam de, monhwehwɛ?

Mose ho akyinnyegye

45 Munnsusuw sɛ mede mo metwa, agya no anim, na nea ɔde mo twa no wo hɔ: ɔne Mose a mode mo ani ato no so no. 46 Na sɛ mugye Mose di a, anka mubegye me adi; na me ho nsɛm na ɔno kyerɛwee. 47 Na sɛ munnye ne kyerɛw nsɛm no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na mubegye me nsɛm adi?

6

Nnipa mpemnum aduanma

1 Eyinom akyi no, Yesu siim kɔɔ Galilea po a ɛne Tiberia po no agya. 2 Na nkurɔfokuw kɛse dii n'akyi, efisɛ wohuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe wɔn a wɔyare ho no. 3 Na Yesu kɔɔ bepɔw no so, na ɔne n'asuafo no kɔtraa hɔ. 4 Nso Twam da, Yudafo afahyɛ no, abɛn. 5 Afei Yesu maa n'ani so na ohui sɛ nkurɔfokuw kɛse reba ne nkyɛn no, osee Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ abodoo ama eyinom adi? 6 Na eyi de, ɔka de sɔɔ no hwɛe, efisɛ ɔno ankasa nim nea ɔrebɛyɛ. 7 Filipo buaa no sɛ: Abodoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara benya kakra. 8 Na asuafo no mu biako, Andrea, Simon Petro ne nua, ka kyerɛɛ no sɛ: 9 Abarimaa bi wo ha a ɔwɔ atoko abodoo anum ne mpataa nketewa abien; na eyi yɛ dɛn ma nnipa pii yi? 10 Na Yesu kae sɛ: Momma nnipa no ntratra ase! Nso sare pii wo hɔ. Ɛnna mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ mpemnum no tratraa ase. 11 Na Yesu faa abodoo no, na ɔdaa ase no, ɛkye maa wɔn a wɔtete hɔ no; ne mpataa no nso dodow a wɔpɛ. 12 Na wɔmeemee no, osee n'asuafo no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera, 13 Ɛnna wɔboaboaa ano, na wɔde atoko abodoo anum no mporoporowa a ɛka maa wɔn a wodii no hyehyɛɛ nkyerɛnkyɛ dumien mama. 14 Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni! 15 Ɛnna Yesu hui sɛ wɔrebɛba abɛfa no ahyɛ no de no akosi hene nti, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔw no so bio.

Yesu nantew po so

16 Na eduu anwummere no, n'asuafo no kɔɔ mpoano, 17 na wɔkɔɔ ɔkorow rnu twaa po no sɛ wɔrekɔ Kapernaum. Na esum aduru dedaw, na Yesu mmaa wɔn nkyɛn ɛ; 18 na mframa kɛse bɔe nti, ɛpo no sɔree. 19 Na wɔharee bɛyɛ sɛ nkwansimma aduonu anum anaa aduasa no, wohuu Yesu sɛ ɔnam po no so, na ɔretwiw abɛn ɔkorow no; na wosuroe, 20 Na osee wɔn sɛ: Ɛyɛ me, munnsuro! 21 Enti afei wɔma ɔtraa ɔkorow no mu, na ntɛm ara na ɔkorow no duu asase a wɔrekɔ hɔ no so. 22 Ade kyee no, na nkurɔfokuw a wogyina ɛpo no agya no hui sɛ ɔkorow biara nni ho sɛ biako a n'asuafo no kɔɔ mu no, nanso Yesu anka n'asuafo no ho ankɔ ɔkorow no mu, n'asuafo no nko na ɛkɔe, 23 nso akorow foforo fii Tiberia baa nea Awurade daa ase na wodii abodoo no hɔ; 24 enti nkurɔfokuw no hui sɛ Yesu nni hɔ na n'asuafo no nso nni hɔ no, wɔn nso kɔɔ akorow no mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu. 25 Na wohuu no ɛpo no agya no, wosee no sɛ: Rabi, da bɛn na wobaa ha? 26 Yesu bua see wɔn sɛ: Nokware, nokware, mise mo sɛ, ɛnyɛ sɛ muhuu nsɛnkyerɛnne nti na mohwehwɛ me, na sɛ mudii abodoo no bi na momee ntia. 27 Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtra hɔ kɔ daa nkwa mu a onipa ba no de bɛma mo; na ɔno na agya Onyankopɔn asɔ no ano. 28 Ɛnna wosee no sɛ: Dɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Onyankopɔn nnwuma? 29 Yesu bua see wɔn sɛ: Eyi ne Nyankopɔn adwuma, sɛ mubegye nea ɔsomaa no no adi.

Abodoo a efi soro

30 Ɛnna wosee no sɛ: Ɛnde sɛnkyerɛnne bɛn na woreyɛ, na yɛahu na yɛagye wo adi? Dɛn na woreyɛ? 31 Yɛn agyanom dii mana sare so, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔmaa wɔn abodoo fi soro dii. 32 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Nokware, nokware, mise mo sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo abodoo a efi soro no, na mmom m'agya na ɔma mo nokware abodoo a efi soro no. 33 Na Onyankopɔn abodoo ne nea osian fi soro ba na ɔma wiase nkwa no. 34 Ɛnna wosee no sɛ: Awurade, ma yɛn abodoo yi daa! 35 Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa abodoo no; nea ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na nea ogye me di no, osukɔm renne no da. 36 Na meka mekyerɛɛ mo sɛ moahu me, nanso moda so nnye nni ara, 37 Nea agya de ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na nea ɔba me nkyɛn no, mentow no menkyene da, 38 efisɛ misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m'ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde. 39 Na eyi ne nea ɔsomaa me no apɛde, sɛ nea ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manya no ɛda a edi akyiri no. 40 Na eyi ne nea ɔsomaa me no apɛde, sɛ obiara a ohu ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa; na menyan no ɛda a edi akyiri no. 41 Ɛnna Yudafo no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene abodoo a esian fii soro no, 42 na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yenim n'agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ose: Masian mafi soro maba? 43 Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Munnnwiinwii mo mu! 44 Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no. 45 Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn. 46 Ɛnyɛ sɛ obi ahu agya no, gye nea ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahu agya no.

Yesu ne nkwa abodoo

47 Nokware, nokware, mise mo sɛ: Nea ogye di no wo daa nkwa. 48 Mene nkwa abodoo. 49 Mo agyanom dii mana sare so, na wowuwui; 50 eyi ne abodoo a esian fi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu. 51 Mene abodoo a nkwa wo mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtra ase daa. Yudafo abufuw 52 Ɛnna Yudafo no kasakasae wɔn mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na oyi betumi de ne honam ama yɛn na yɛadi? 53 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Nokware, nokware, mise mo sɛ: Sɛ moanni onipa ba no honam na moannom ne mogya a, munni nkwa mo mu. 54 Nea odi me honam na ɔnom me mogya no wo daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no. 55 Na me honam yɛ aduan ampa, na me mogya yɛ anonne ampa. 56 Nea odi me honam na ɔnom me mogya no tra me mu, na me nso metra no mu. 57 Sɛnea agya a ɔte ase no somaa me na agya no nti mete ase no, saa ara nso na nea odi me honam no nso me nti ɔbɛtra ase. 58 Eyi ne abodoo a efi soro sian bae no, ɛnte sɛ nea mo agyanom dii na wowuwui no; nea odi abodoo yi bɛtra ase daa. 59 Ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa eyinonu

Asuafo bi akyirisan

60 Enti n'asuafo mu pii tee no, wɔkae sɛ: Asɛm yi yɛ den, hena na obetumi atie? 61 Na Yesu tee nka ne mu sɛ n'asuafo renwiinwii eyi ho no, osee wɔn sɛ: Eyi to mo hintidua anaa? 62 Na afei, sɛ muhu onipa ba no sɛ ɔrekɔ ɔsoro, nea ɔwɔ kan no nso ɛ? 63 Honhom ne nea ɛma nkwa, ɔhonam de, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa. 64 Na mo mu binom wo hɔ a wonnye nni. Na Yesu nim wɔn a wonnye nni no fi mfiase ne nea obeyi no ama no. 65 Na ɔkae sɛ: Eyi nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ m'agya de ama no ansa. 66 Efi ɛno so no, n'asuafo mu pii san wɔn akyi, na wɔne no annantew bio.

Petro paemuka

67 Ɛnna Yesu see dumien no sɛ: Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa? 68 Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; 69 na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn kronkronni no. 70 Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi? na mo mu biako yɛ ɔbonsam! 71 Ɔde Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebeyi no ama, nso ɔyɛ dumien no mu biako.

7

Kristo ne nuanom

1 Na eyinom akyi no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ okyini Yudea, efisɛ Yudafo no hwehwɛ no akum no. 2 Na Yudafo Asesebɔ afahyɛ no abɛn. 3 Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Fi ha kɔ Yudea, na w'asuafo nso nhu wo nnwuma a woyɛ no. 4 Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wobehu no pefee. Sɛ woyɛ eyinom a, yi wo ho kyerɛ wiase! 5 Na ne nuanom po annye no anni. 6 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me de, me bere nnya nnui, na mo bere de, edu daa. 7 Wiase ntumi ntan mo; na me na ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne. 8 Mo de, monkɔ afahyɛ yi ase. Me de, minnya menkɔɔ afahyɛ yi ase; efisɛ me bere nnya nnuL 9 Na osee wɔn saa no, ɔtraa Galilea. 10 Na ne nuanom kɔe no, ɛnna ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase; wanyi ne ho adi, na mmom ohintawee.

Adwene horow

11 Ɛnna Yudafo no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase, na wose: Ɔwɔ he? 12 Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfo akuwakuw no mu wo ne ho. Ebinom sɛ: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom sɛ: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfo mmom. 13 Nanso Yudafo no ho hu nti obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee.

Yesufi soro

14 Na afahyɛ no mfinimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefi kɔkyerɛkyerɛe. 15 Na ɛyɛɛ Yudafo no nwonwa na wose: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nhoma pɛn na onim yi? 16 Yesu buaa wɔn kae sɛ: Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea. 17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n'apɛde a, obehu sɛ kyerɛ no fi Nyankopɔn anaasɛ efi m'ankasa me tirim na meka. 18 Nea ɔbɔ n'ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n'ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu. 19 Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me akum me? 20 Nkurɔfokuw no buae sɛ: Wowɔ honhommɔne; hena na ɔhwehwɛ wo akum wo? 21 Yesu bua see wɔn sɛ: Mayɛ adwuma biako, na eyi nti na ɛyɛ mo nyinaa nwonwa. 22 Mose maa mo twetiatwa,—ɛnyɛ sɛ efi Mose, na efi agyanom—nanso homeda mutwa onipa twetia. 23 Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, dɛn nti na mo bo afuw me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda? 24 Mummmu ntɛn sɛnea muhu kwa; na mummu ntɛn a ɛteɛ!

Nea nkurɔfo susuw

25 Ɛnna Yerusalemfo no mu bi kae sɛ: Ɛnyɛ oyi ne nea wɔrehwehwɛ no akum no no? 26 Na hwɛ ɔkasa pefee, na wɔnka no hwee. Sesɛɛ mpanyimfo ahu ampa sɛ oyi ne Kristo no anaa? 27 Nanso oyi de, yenim nea ofi; na Kristo no de, sɛ ɔba a, obi renhu nea ofi. 28 Ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefi no, ɔteɛɛm sɛ: Munim me, nso munim nea mifi. Na ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae; na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo a munnim no. 29 Na me de, minim no; efisɛ mifi ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me. 30 Eyi nti anka wɔhwehwɛ no akyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, efisɛ ne dɔn nnya nnui. 31 Na nkurɔfokuw no mu pii gyee no dii, na wɔkae sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, so ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne bebree asen eyinom a oyi ayɛ yi?

Yesu bɛsan akɔ Onyankopɔn nkyɛn

32 Farisifo no tee sɛ nkurɔfokuw no nwiinwii keka eyinom wo ne ho. Na Farisifo ne asɔfo mpanyin no somaa asomfo sɛ wɔnkɔkyere no. 33 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mewɔ mo nkyɛn bere tiaa bi, na merebɛkɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. 34 Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na nea mewɔ no, mo de, muntumi mma hɔ. 35 Ɛnna Yudafo no sisee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkɔ a yɛrenhu no? So ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafo mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafo? 36 Asɛm bɛn na ɔka yi sɛ: Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me, na nea mewɔ no, mo de, muntumi mina hɔ.

Nkwa nsu ho bɔhyɛ

37 Na da a edi akyiri a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛse no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteɛɛm sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn mmɛnom [nsu]! 38 Sɛnea kyerɛwsɛm no kae no: Nea ogye me di no, nkwa asubɔnten bɛsen afi ne yam. 39 Na eyi de, ɔkae Honhom a wɔn a wogye no di rebenya no ho; na Honhom no nnya mmae, efisɛ wonnya nhyɛɛ Yesu anuonyam.

Nkurɔfo no adwene mu mpaapaemu

40 Ɛnna nkurɔfokuw no mu pii tee asɛm no no, wɔkae sɛ: Odiyifo no ni ampa! 41 Ebinom sɛ: Kristo no ni! Na afoforo sɛ: So Kristo no befi Galilea nen? 42 Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem a Dawid traa hɔ no mu na Kristo no befi? 43 Na ne nti mpaapaemu baa nkurɔfokuw no mu.

Wɔantumi ankyere Kristo

44 Na wɔn mu binom pɛe sɛ wɔkyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no. 45 Ɛnna asomfo no baa asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn, na wobisaa wɔn sɛ: Dɛn nti na moamfa no amma? 46 Asomfo no buae sɛ: Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da. 47 Ɛnna Farisifo no buaa wɔn sɛ: So wɔadaadaa mo nso? 48 Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa? 49 Na nkurɔfokuw yi a wonnim mmara no, wɔadome wɔn! 50 Nikodemo a ɔbaa ne nkyɛn da bi na ɔyɛ wɔn mu biako no see wɔn sɛ: 51 Yɛn mmara ntiee onipa, nhuu nea ɔyɛe ansa a, ebu no atɛn? 52 Wobua see no sɛ: Asa wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wo Galilea pɛn. 53 (Na wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn afi.

8

Ɔbea ɔwaresɛefo

1 Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. 2 Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefi bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtraa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. 3 Na kyerɛwfo ne Farisifo no de ɔbea bi a wɔakyere no aguamammo mu bae; na wɔde no begyinaa mfinimfini no, 4 wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, wɔakyere ɔbea yi aguamammo mu wo so pɛɛ. 5 Nso Mose hyɛɛ yɛn mmara no mu sɛ wonsiw nnipa a ɛte sɛɛ abo; na wo nso, wuse dɛn? 6 Na eyi de, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n'ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam. 7 Na wɔda so bisa no ara no, ɔmaa ne mu so see wɔn sɛ: Mo mu nea bɔne bi nni ne ho no, ɔntow no bo kan! 8 Na ɔbrɛɛ ne mu ase bio kyerɛkyerɛw fam. 9 Na wɔn de, wɔtee na wɔn ahonim yii wɔn ntɛn no, wofii adi mmiako mmiako fi mpanyimfo so besii wɔn a wodi akyiri so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbea a ogyina mfinimfini no, 10 Na Yesu maa ne mu so, na wanhu obiara sɛ ɔbea no nko no, osee no sɛ: Ɔbea, ɛhe na wo nkurobɔfo no wɔ? Obi ammu wo fɔ anaa? 11 Na ose: Obi ammu me fɔ, owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso mimmu wo fɔ; kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!)

Agya no ne ɔba no adansedi

12 Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio se; Mene wiase hann; nea odi m'akyi no rennantew sum mu, na obenya nkwa hann. 13 Ɛnna Farisifo no see no sɛ: Wo de, wudi wo ankasa wo ho adanse; w'adanse no nyɛ nokware. 14 Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ midi m'ankasa me ho adanse mpo a, m'adanse no yɛ nokware, efisɛ minim nea mifi ne nea merekɔ; na mo de, munnim nea mifi ne nea merekɔ. 15 Mo de, mubu ɔhonam ani atɛn; me de, mimmu obiara atɛn. 16 Na sɛ mibu atɛn po a, m'atemmu no yɛ nokware; efisɛ ɛnyɛ me nko, na me ne nea ɔsomaa me no. 17 Na wɔakyerɛw mo mmara nhoma no mu nso sɛ: Nnipa baanu adanse yɛ nokware. 18 Me na midi me ho adanse, na agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse. 19 Ɛnna wosee no sɛ: Ɛhe na w'agya wɔ? Yesu buae sɛ: Munnim me, na munnim m'agya nso; sɛ munim me a, anka munim agya no nso. 20 Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefi no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankyere no, efisɛ ne dɔn nnya nnui.

Kristo kɔ abɛn

21 Ɛnna osee wɔn bio sɛ: Me de, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mubewu mo bɔne mu; na nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ. 22 Ɛnna Yudafo no kae sɛ: Ɔrebedi ne ho dɔm anaa, enti na ose: Nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ? 23 Na osee wɔn sɛ: Mo de, mufi fam, me de, mifi soro. Mufi wi yi ase; me de, mimfi wi yi ase. 24 Enti mise mo sɛ: Mubewu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mubewu mo bɔne mu. 25 Ɛnna wosee no sɛ: Wone hena? Na Yesu see wɔn sɛ: Nea mifi mfiase meka mekyerɛɛ mo no. 26 Mewo mo ho nsɛm pii a mɛka na mabu atɛn; na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo. Na nea metee ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase. 27 Wɔanhu sɛ agya no ho asɛm na ɔka kyerɛɛ wɔn. 28 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ munya ma onipa ba no so a, ɛno na mubehu sɛ mene no, na memmɔ m'ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka. 29 Na nea ɔsomaa me no ka me ho; onnyaw me nko, efisɛ meyɛ nea ɛsɔ n'ani daa. 30 Ɔrekasa saa no, nnipa pii gyee no dii.

Yudafo ahohoahoa

31 Ɛnna Yesu see Yudafo a wɔagye no adi no sɛ: Sɛ motra m'asɛm mu a, moyɛ m'asuafo ampa; 32 na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye. 33 Wobuaa no sɛ: Abraham asefo ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehye? 34 Yesu buaa wɔn sɛ: Nokware, nokware, mise mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa. 35 Na akoa nka ofie daa; na ɔba de, ɔtra hɔ daa. 36 Enti sɛ ɔba no yɛ mo adehye a, mobɛyɛ adehye ampa. 37 Minim sɛ moyɛ Abraham asefo; nanso mohwehwɛ me akum me, efisɛ m'asɛm nsen mo mu. 38 Nea mahu m'agya no nkyɛn na meka; na mo nso moyɛ nea moahu mo agya nkyɛn. 39 Wobua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma; 40 na afei morehwehwɛ me akum me, me a maka mo nokware a mate Onyankopɔn nkyɛn no. Eyi de, Abraham anyɛ. 41 Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wosee no sɛ: Wɔanwo yɛn aguamammɔ mu; agya biako na yewɔ, ɔne Nyankopɔn, 42 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo agya ne Nyankopɔn a, anka mobedɔ me; na me de, mifii Nyankopɔn mu na mebae. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae, na ɔno na ɔsomaa me. 43 Adɛn nti na monte me kasa ase? Efisɛ muntumi ntie m'asɛm. 44 Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n'ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya. 45 Na me de, esiane sɛ meka nokware nti, munnye me nni. 46 Mo mu hena na obu me bɔne bi ho atɛn? Na sɛ meka nokware a, adɛn nti na munnye nni? 47 Nea ofi Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; eyi nti muntie, efisɛ mumfi Nyankopɔn mu.

Wobuu Yesu sɛ ɔwɔ honhommɔne

48 Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne? 49 Yesu buae sɛ: Me de, minni honhommɔne; na midi m'agya no ni, na mo de, mobɔ me ahohora. 50 Me de, menhwehwɛ m'ankasa m'anuonyam; obi wo hɔ a ɔhwehwɛ na obu atɛn. 51 Nokware, nokware, mise mo sɛ, obi di m'asɛm so a, ɔrenhu wu ara da. 52 Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Afei na yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifo no wuwui, na wo de, wuse: Sɛ obi di m'asɛm so a, ɔrenka owu nhwɛ ara da. 53 So woyɛ kɛse sen yɛn agya Abraham a owui no? Na adiyifo no nso wui; woyɛ wo ho dɛn ni? 54 Yesu buae sɛ: Sɛ mehyɛ me ho anuonyam a, m'anuonyam no nyɛ hwee; ɛyɛ m'agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me anuonyam. 55 Nso moanhu no, na me de, minim no; na sɛ meka sɛ minnim no a, mɛyɛ ɔtorofo sɛ mo. Nanso minim no, na midi n'asɛm so. 56 Mo agya Abraham ho san no sɛ obehu me da; na ohui, na n'ani gyei. 57 Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Wunnya nnii mfirihyia aduonum, na wuhuu Abraham? 58 Yesu see wɔn sɛ: Nokware, nokware, mise mo sɛ, Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ. 59 Ɛnna wɔtasee abo sɛ wɔbɛtɔw abɔ no, na Yesu hintawee, na ofii asɔrefi hɔ kɔe.

9

Onifuraefo bi adehu

1 Na ɔretwam no, ohuu onipa bi a n'ani afura fi n'awo mu. 2 Na n'asuafo no bisaa no sɛ: Rabi, hena na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n'agya ne ne na, sɛ wɔwoo no onifuraefo yi? 3 Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ oyi anaa n'agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wo no mu. 4 Ɛsɛ yɛn sɛ adekyee wo hɔ yi, yɛyɛ nea ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma. 5 Mewɔ wiase yi, mene wiase hann, 6 Ɔkaa saa no, ɔtow ntasu guu fam, na ɔde ntasu no fraa dɔte, na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so, 7 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so ɔtare Siloa (a ne nkyerɛase ne: Nea wɔasoma no) mu. Ɛnna osiim kɔe kɔhohoroo so, na ɔbae na ohu ade.

N'afipamfo asɛmmisa

8 Ɛnna afipamfo ne wɔn a kan wohuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfo no kae sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔte hɔ srɛsrɛ ade no? 9 Ebinom sɛ: Ɔno ni! Na afoforo sɛ: Ɔte sɛ ɔno. Na n'ankasa se: Mene no. 10 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na w'ani buei? 11 Obua kae sɛ: Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔfɔtɔw dɔte de sraa m'ani so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ ɔtare Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo so no, na mihuu ade. 12 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔwɔ he? Ose: Minnim.

Farisifo asɛmmisa

13 Wɔde nea anka ɔyɛ onifuraefo no kɔɔ Farisifo nkyɛn. 14 Nso da a Yesu fɔtɔw dɔte na obuee n'ani no yɛ homeda. 15 Ɛnna Farisifo no nso bisaa no bio sɛnea ɛyɛe na ohuu ade. Na osee wɔn sɛ: Dɔte na ɔde sraa m'ani so, na mekɔhohoroo so, na mihu ade yi. 16 Ɛnna Farisifo no mu bi kae sɛ: Onipa yi mfi Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ onni homeda. Ebinom sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ɔdebɔneyɛfo betumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛɛ yi? Na mpaapaemu baa wɔn mu. 17 Ɛnna wosee onifuraefo no bio sɛ: Wo nso, wabue w'ani yi, dɛn na woka wo ne ho? Na ose: Ɔyɛ odiyifo.

N'awofo hɔ asɛmmisa

18 Nso Yudafo no nnye ne ho nsɛm no nni sɛ anka ɔyɛ onifuraefo na ohuu ade, de kosii sɛ wɔfrɛɛ nea ohuu ade no awofo, 19 na wobisaa wɔn sɛ: Mo ba a moka sɛ wɔwoo no onifuraefo no ni anaa? Afei ɛyɛɛ dɛn na ohu ade yi? 20 N'awofo buaa wɔn kae sɛ: Yenim sɛ yɛn ba ni, na wɔwoo no onifuraefo; 21 na sɛ ɛyɛe na afei ohu ade yi de, yennim. Na bio nso onipa ko a obuee n'ani no, yɛn de, yennim; mummisa no, wanyin, na ɔno ara bekasa ama ne ho. 22 N'awofo kaa eyi, efisɛ wosuro Yudafo no; na Yudafo no apam dedaw sɛ sɛ obi pae mu ka sɛ ɔne Kristo no a, wobetu no afi hyiadan mu, 23 Eyi nti na n'awofo kae sɛ: Wanyin, mummisa no.

Farisifo pam no

24 Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifuraefo no ne mprenu so, na wosee no sɛ: Fa anuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn de, yenim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛfo. 25 Ɛnna obua kae sɛ: Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo a, minnim; ade biako na minim, sɛ anka meyɛ onifuraefo, na afei de, mihu ade. 26 Na wosee no sɛ: Dɛn na ɔyɛɛ wo? Obuee w'ani no dɛn? 27 Obuaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo dedaw, na moante? Dɛn na mopɛ sɛ mote bio? So mo nso mopɛ sɛ modan n'asuafo? 28 Wɔyaw no, na wɔkae sɛ: Wo na woyɛ ne suani; yɛn de, Mose asuafo ne yɛn. 29 Yenim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose; na oyi de, yennim nea ofi. 30 Onipa no bua see wɔn sɛ: Eyi na ɛyɛ nwonwa sɛ munnim nea ofi, nanso obuee m'aniwa. 31 Na yenim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfo; na sɛ obi fɛre Onyankopɔn na ɔyɛ nea ɔpɛ a, ɔno na otie no. 32 Efi wiase mfiase wɔntee sɛ obi abue nea wɔwoo no onifuraefo ani pɛn. 33 Sɛ oyi mfi Nyankopɔn nkyɛn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee. 34 Wobua see no sɛ: Wo de, bɔne mu koraa na wɔwoo wo, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn? Na wɔpam no fii adi.

Onifuraefo no gye Yesu di

35 Yesu tee sɛ wɔapam no afi adi; na ohuu no no, ɔkae sɛ: Wugye onipa ba no di anaa? 36 Obuae sɛ: Hena ne no, Owura, na minnye no minni? 37 Na Yesu see no sɛ: Woahu no, na nea ɔne wo rekasa yi, ɔne no. 38 Na ose: Migye midi, Awurade! Na ɔkotow sɔree no.

Farisifo anifurae

39 Na Yesu kae sɛ: Atemmu nti na mebaa wi yi ase, na wɔn a wonhu ade no ahu, na wɔn a wohu ade no adan anifuraefo. 40 Na Farisifo no mu bi a wɔne no wo hɔ no tee nsɛm yi, na wosee no sɛ: So yɛn nso yɛyɛ anifuraefo? 41 Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ moyɛ anifuraefo a, anka munni bɔne; na afei muse: Yehu, enti na mo bɔne aka.

10

Nguannan no

1 Nokware, nokware, mise mo sɛ, nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifo ne odwowtwafo; 2 na nea ɔfa ɔpon ano kɔ mu no ne nguan no hwɛfo. 3 Ɔno na ɔpon ano hwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n'ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi. 4 Na ɔma n'ankasa nguan fi adi a, odi wɔn anim; na nguan no di n'akyi, efisɛ wonim ne nne. 5 Na ɔnana de, wɔrenni n'akyi, efisɛ wonnim ananafo nne. 6 Yesu de bɛ yi buu wɔn; na wɔn de, wɔanhu asɛm ko a ɔkaa wɔn no.

Nguannan ano pon

7 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Nokware, nokware, mise mo sɛ: Mene nguan no pon. 8 Wɔn a wodii me kan bae no nyinaa yɛ awifo ne adwowtwafo; na nguan no antie wɔn. 9 Mene ɔpon no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wobegye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na obefi adi, na obenya adidibea. 10 Owifo mma, gye sɛ ɔrebewia, na wakum, na wasɛe; na me de, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmoroso.

Oguanhwɛfo pa no

11 Mene guanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan; 12 na ɔpaani a ɔnyɛ oguanhwɛfo na nguan no nyɛ ne dea no hu pataku sɛ ɔreba a, ogyaw nguan no guan; na pataku no bɛkyere wɔn bɔ wɔn hwete. 13 Na ɔpaani guan, efisɛ ɔye ɔpaani, na onnwen nguan no ho. 14 Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de, na me de nso nim me, 15 sɛnea agya no nim me, na me nso minim agya no; na mede me kra meto hɔ mema nguan no. 16 Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako. 17 Eyi nti na agya no dɔ me, efisɛ mede me kra meto hɔ, na mafa bio. 18 Obi nnye me nsam, na m'ankasa na mede meto hɔ; mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛde yi na minyae m'agya nkyɛn. 19 Ɛnna nsɛm yi nti mpaapaemu baa Yudafo no mu bio. 20 Na wɔn mu bebree kae sɛ: Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam; adɛn nti na mutie no? 21 Ebinom sɛ: Nsɛm yi nyɛ nea ɔwɔ honhommɔne nsɛm. So honhommɔne betumi abue anifuraefo ani?

Yesu nsɛnkyerɛnne

22 Na Asɔrefidwira afahyɛ adu wo Yerusalem, na awɔw bere aba. 23 Na Yesu nennam asɔrefi Salomo abrannaa so. 24 Ɛnna Yudafo betwaa ne ho hyiae, na wosee no sɛ: Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee. 25 Yesu buaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo, na munnye nni; nnwuma a meyɛ m'agya din mu no, ɛno na edi me adanse. 26 Na mo de, munnye nni; efisɛ mumfi me nguan no mu. 27 Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m'akyi; 28 na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhuam wɔn mfi me nsam da. 29 M'agya a ɔde wɔn maa me no so sen nneɛma nyinaa; na obi rentumi nhuam wɔn m'agya nsam. 30 Me ne agya no yɛ baako.

Yudafo no pe sɛ wokum Yesu

31 Ɛnna Yudafo no tasee abo bio sɛ wɔde rebesiw no. 32 Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a efi agya no nkyɛn; emu nea ɛwɔ he nti na morebesiw me abo yi? 33 Yudafo no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebesiw wo abo, na abususem nti, efisɛ wo a woyɛ onipa yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn. 34 Yesu buaa wɔn sɛ: Wɔnkyerɛw mo mmara mu sɛ: Mekae sɛ: moyɛ anyame? 35 Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Onyankcpon asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wontumi nsan kyerɛw no a, 36 adɛn nti na moka nea agya ayɛ no kronkron na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, sɛ mekae sɛ: Onyankopɔn ba ne me nti? 37 Sɛ menyɛ m'agya nnwuma a, ɛnde munnnye me nnni; 38 na sɛ meyɛ, na me de munnye me nni a, munnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahu sɛ agya no wo me mu, na me nso mewɔ no mu. 39 Ɛnna wɔhwehwɛe bio sɛ wɔkyere no, na ofii wɔn nsa kɔe.

Yesu twa kɔ Yordan agya

40 Na osiim kɔɔ Yordan agya nohɔ bio wo nea Yohane bɔɔ asu kan no, na ɔkɔtraa hɔ. 41 Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne bi de, nanso nneɛma a Yohane kae oyi ho no nyinaa yɛ nokware. 42 Na nnipa pii gyee no dii wo hɔ.

11

Lasaro yare

1 Na ɔyarefo bi wo hv a wɔfrɛ no Lasaro a ofi Betania, Maria ne ne nuabea Marta kurow mu. 2 Na ɛyɛ Maria a ɔde ngo huamhuam sraa Awurade na ɔde ne ti nhwi popaa ne nan ho no na ne nua Lasaro yare no. 3 Enti ne nuanom soma baa ne nkyɛn sɛ: Awurade, hwɛ, nea wodɔ no no yare. 4 Na Yesu tee no, ɔkae sɛ: Ɔyare yi nyɛ owuyare, na Onyankopɔn anuonyam ntia, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Onyankopɔn ba no anuonyam.

Yesu kɔ Betania

5 Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabea no ne Lasaro. 6 Na afei ɔtee sɛ ɔyare no, ɔtraa nea ɔwɔ hɔ ara nnanu. 7 Na ɛno akyi no, osee n'asuafo no sɛ: Momma yɛnkɔ Yudea bio! 8 Asuafo no see no sɛ: Rabi, nnansa yi ara na Yudafo hwehwɛe sɛ wosiw wo abo, na worekɔ hɔ bio yi? 9 Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da biako mu? Sɛ obi nam awia a, onhintiw, efisɛ ohu wi yi ase hann; 10 na sɛ obi nam anadwo a, ohintiw, efisɛ hann nni no mu. 11 Ɔkaa eyinom, na ɛno akyi no, osee wɔn sɛ: Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makonyan no. 12 Ɛnna n'asuafo no kae sɛ: Awurade, sɛ wada de a, ɔbɛsɔre. 13 Na Yesu de, ɔkaa ne wu ho asem; na wɔn de, wosusuwii sɛ nna pa ho asɛm na ɔka. 14 Ɛnna afei Yesu see wɔn pefee sɛ: Lasaro awu; 15 na mo nti ɛyɛ me anigye sɛ minni hɔ, na rnoagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn! 16 Ɛnna Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no sɛ: Yɛn nso, momma yɛnkɔ na yɛne no nkowu!

Lasaro wu ne ne sie

17 Ɛnna Yesu duu hɔ no, obehui sɛ wadi ɔda mu nnannan dedaw. 18 Nso Betania bɛn Yerusalem, ɛbɛyɛ sɛ nkwansimrna dunnum, 19 na Yudafo no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wobegyam wɔn wɔn nua no nti. 20 Ɛnna Marta tee sɛ Yesu reba no, okohyiaa no; na Maria de, ɔte fie. 21 Ɛnna Marta see Yesu sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua anwu. 22 Na afei po minim sɛ biribiara a wubebisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn bsma wo.

Owusɔre ne nhwa

23 Yesu see no sɛ: Wo nua no bɛsɔre bio. 24 Marta see no sɛ: Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre. 25 Yesu see no sɛ: Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa. 26 Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di anaa? 27 Osee no sɛ: Yiw, Awurade, migye midi sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn ba a ɔreba wiase no, 28 Na ɔkaa saa no, osiim kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfo no aba na ɔfrɛ wo. 29 Ɔno nso tee nof ɔsɔree ntɛm baa ne nkyɛn. 30 Nanso Yesu nnya nhyɛn kurow no mu ɛ, na ɔwɔ nea Marta behyiaa no hɔ. 31 Ɛnna Yudafo a wɔne no wo ofie hɔ regyam no no hui sɛ Maria asɔre ntɛmntɛm afi adi no, wodii n'akyi kae sɛ: Ɔrekɔ ɔda no so hɔ akosu.

Lasaro nyan

32 Ɛnna Maria duu nea Yesu wo hɔ na ohuu no no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ; Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua anwu. 33 Ɛnna Yesu huu no sɛ ɔresu na Yudafo a wɔne no bae no nso resu no, oguu ahome honhom mu, na ne ho yeraw no, 34 na ɔkae sɛ: Ɛhe na mode no toe? Wosee no sɛ: Awurade, bra bɛhwɛ! 35 Yesu sui. 36 Ɛnna Yudafo no kae sɛ: Hwɛ ɔdɔ a ɔdɔ no! 37 Na wɔn mu binom sɛ: Oyi a obuee onifuraefo no ani no, so wantumi amma amma sɛ anka oyi nso anwu? 38 Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɔda no so; eye ɔbodan, na ɔbo hini ano. 39 Yesu kae sɛ: Munyi ɔbo no! Nea wawu no nua Marta see no sɛ: Awurade, sesɛɛ de, wabɔn, na wadi nnannan. 40 Yesu see no sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Nyankopɔn anuonyam? 41 Ɛnna woyii ɔbo no. Na Yesu maa n'ani so kae sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me. 42 Na me de, minim sɛ wutie me daa; na nkurɔfokuw a wogyina ho no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me. 43 Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra! 44 Na nea wawu no fii adi, ɔda mu ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n'anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsan no, na momma ɔnkɔ! 45 Ɛnna Yudafo no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wohuu ade a Yesu yɛe no gyee no dii.

Kaiafa nkɔmhyɛ

46 Na wɔn mu binom siim kɔɔ Farisifo no nkyɛn, na wɔkɔkaa wɔn nea Yesu yɛe no. 47 Ɛnna asofo mpanyin ne Farisifo no ma wokohyiaa baguafo no, na wɔkae sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii. 48 Sɛ yegyaa no saa a, nnipa nyinaa begye no adi, na Romafo aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man. 49 Na wɔn mu biako bi, Kaiafa a odi sɔfo panyin afe no mu no, see wɔn sɛ: Mo de, munnim hwee, 50 nanso munnwen sɛ eye ma mo sɛ onipa biako bewu ama ɔman, na ɔman no nyinaa ansɛe. 51 Na eyi de, emfi n'ankasa ne tirim na ɔkae, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin afe no ara mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebewu ama ɔman no, 52 na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Onyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abom ayɛ wɔn biako. 53 Ɛnna efi da no ara wotutuu agyina wɔn mu sɛ wobekum no.

Yesu twe ne ho kɔ Efraim

54 Enti Yesu anyi ne ho adi pefee annantew Yudafo no mu bio, na ofii hɔ kɔɔ asase bi a ɛbɛn sare so, kurow bi a wɔfrɛ no Efraim mu, na ɔne n'asuafo no traa hɔ. 55 Na Yudafo Twam no abɛn; na nnipa pii fii asase no so kɔɔ Yerusalem ansa na Twam no dui, sɛ wokodwira wɔn ho. 56 Ɛnna wɔhwehwɛɛ Yesu, na wogyina asɔrefi ho sisee wɔn ho sɛ: Dɛn na mususuw? Sesɛɛ ɔremma afahyɛ yi ase anaa? 57 Na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim nea ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkyere no.

12

Maria akyɛde pa

1 Afei aka nnansia na Twam no adu no, Yesu baa Betania, nea Lasaro a onyan no fii awufo mu no wo hɔ. 2 Ɛnna wɔtow no pon wo hɔ, na Marta somee; na Lasaro de, ɔyɛ wɔn a wɔne no te adidii no mu biako, 3 Ɛnna Maria faa ngo huamhuam kronkron a ne bo yɛ den karibo biako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne nhwi popaa ne nan ho; na ngo no huam yɛɛ ɔdan no mu ma. 4 Ɛnna n'asuafo no mu biako, Yuda Iskariot a ɔrebeyi no ama no, kae sɛ: 5 Adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam yi annye denare ahasa, na wɔamfa amma ahiafo? 6 Ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa eyi, na mmom ɔyɛ owifo, na okura kotoku no, na owiawia nea wɔde gu mu ntia. 7 Ɛnna Yesu kae sɛ: Munnyaa no, na ɔde eyi asie ama me sie da. 8 Na ahiafo de, mowɔ wɔn mo nkyɛn daa; na me de, munni me daa. 9 Ɛnna Yudafo no mu nkurɔfokuw pii tee sɛ ɔwɔ hv, na wɔbae, ɛnyɛ Yesu nko nti, na sɛ wobehu Lasaro a onyan no fii awufo mu no nso ntia. 10 Na asɔfo mpanyin no tuu agyina sɛ wobekum Lasaro nso, 11 efisɛ ne nti na Yudafo pii kɔe kogyee Yesu dii.

Yesu kɔ Yerusalem

12 Ade kyee no, nkurɔfokuw pii a wɔbaa afahyɛ no ase tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13 wɔfofaa berɛw, na wofii adi sɛ wɔrekohyia no, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no! 14 Na Yesu huu afurum ba bi no, ɔtraa no so, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: 15 Nsuro, Sion babea; hwɛ, wo hene reba, ɔte afurum ba so. 16 Nso n'asuafo no anhu eyinom kan no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu anuonyam akyi no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔakyerɛw eyinom ne ho, na wɔayɛ ama no. 17 Ɛnna nkurɔfokuw a wɔne no wo hɔ bere a ɔfrɛɛ Lasaro fii da mu na onyan no fii awufo mu no dii adanse. 18 Eyi nti nso na nkurɔfokuw no kohyiaa no, efisɛ wɔate sɛ wayɛ saa sɛnkyerɛnne no. 19 Ɛnna Farisifo no kae wɔn mu sɛ: Muhu sɛ muntumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu adi n'akyi.

Nkwa a efi owu mu

20 Na Helafo bi wo wɔn a wɔbae sɛ wɔbesɔre afahye no ase no mu; 21 Ɛnna eyinom baa Filipo a ofi Betsaida a ewɔ Galilea no nkyɛn, na wɔbɛsrɛɛ no sɛ: Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu. 22 Filipo bae bɛka kyerɛɛ Andrea, na afei Andrea ne Filipo bɛka kyerɛɛ Yesu. 23 Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ onipa ba no anuonyam. 24 Nokware, nokware, mise mo sɛ awifua antɔ fam anwu a, ɛwɔ hɔ koro no ara; na sɛ ewu a, ɛsow aba pii. 25 Nea ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa; na nea ɔtan ne kra wo wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu. 26 Sɛ obi som me a, onni m'akyi, na nea mewɔ no, ɛhɔ na me somfo nso bɛba; na sɛ obi som me a, m'agya bedi no ni. 27 Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu! Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu.

Ɛnne a efi soro

28 Agya, hyɛ wo din anuonyam! Ɛnna ɛnne bi fi soro bae sɛ: Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio! 29 Ɛnna nkurɔfokuw a wogyina hɔ na wɔtee no kae sɛ: Ɔprannaa abom! Ebinom sɛ: Ɔbofo ne no kasae. 30 Yesu bua kae sɛ: Ɛnyɛ me nti na ɛnne yi bae, na mo nti. 31 Afei ne wi yi ase atemmu; afei na wobeyi wi yi ase sodifo no hɔ. 32 Na me de, sɛ wɔma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn. 33 Eyi de, ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu. 34 Nkurɔfokuw no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛate mmara no mu sɛ Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wuse: Etwa sɛ wɔma onipa ba no so? Hena ne onipa ba yi? 35 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no bere tiaa bi wo mo mu. Mowɔ hann no yi, monnantew, na esum ammɛto mo; na nea ɔnam sum mu no nnim nea ɔrekɔ. 36 Mowɔ hann no yi, munnye hann no nni, na moayɛ hann no mma.

Akyinnyegye

Yesu kaa eyinom, na ofii wɔn anim hɔ kohintawee. 37 Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnne bebree wo wɔn anim de, nanso wɔannye no anni, 38 na odiyifo Yesaia asɛm a ɔkae no aba mu sɛ: Awurade, hena na wagye yɛn kaseɛ adi, na hena na woyii Awurade basa kyerɛɛ no? 39 Eyi nti wɔantumi annye anni, sɛnea Yesaia kae bio sɛ: 40 Wafura wɔn ani na wapirim wɔn koma, na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho na mansa wɔn yare. 41 Yesaia kaa eyinom, efisɛ ohuu n'anuonyam, na ne ho asɛm na ɔkae. 42 Nanso mpanyimfo no mu pii nso gyee no dii; na Farisifo no nti wɔanka, na wɔantutu wɔn amfi hyiadan mu; 43 efisɛ wɔpɛ nnipa anuonyam sen Nyankopɔn anuonyam.

Yesu ne ne soro agya

44 Na Yesu teɛɛm sɛ: Nea ogye me di no, ɛnye me na ogye me di, na ɛyɛ nea ɔsomaa me no; 45 na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no. 46 Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no antra surn mu. 47 Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me de, mimmu no atɛn; na mamma sɛ merebebu wiase atɛn, na mebae sɛ merebegye wiase. 48 Nea ommu me na onnye me nsɛm no wo nea obu no atɛn; asɛm a maka no, ɛno ara na ebebu no atɛn ɛda a edi akyiri no; 49 efisɛ me de, ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasae, na agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa. 50 Na minim sɛ n'ahyɛde no yɛ daa nkwa. Enti nea meka no, sɛnea agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.

13

Ahobrɛase

1 Na Twam afahyɛ no rebedu no, Yesu nim sɛ ne dɔn adu sɛ ɔrebefi wi yi ase akɔ agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ n'ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase. 2 Na wɔrebedidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, komam sɛ onkoyi no mma, 3 na Yesu nim sɛ agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ofii Nyankopɔn nkyɛn na ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn nti, 4 ɔsɔre fii adidii, na oyii n'atade guu hɔ, na ɔfaa mpopaho de kyekyerɛɛ ne ho so. 5 Na afei ohwiee nsu guu guasɛn no mu, na ofii ase hohoroo asuafo no anan ho, na ɔde mpopaho a ɔde kyekyeree ne ho so no popaa ho. 6 Ɛnna obeduu Simon Petro so; na ɔno de, osee no sɛ: Awurade, wo na wohohoro m'anan ho yi? 7 Yesu bua see no sɛ: Nea mereyɛ yi, wunnim mprempren, na akyiri no na wubehu. 8 Petro see no sɛ: Meremma wonhohoro me nan ho da! Yesu buaa no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wunni m'afa. 9 Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ho ne me tirim nso bi. 10 Yesu see no sɛ: Nea waguare no, enhia no aguare, gye ne nan ho hohoro, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa. 11 Na onim nea obeyi no ama; eyi nti na ɔkae sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo Iio afi, no. 12 Ɛnna owiee wɔn nan ho hohoro na ɔfaa n'atade na ɔtraa ase bio no, osee wɔn sɛ: Moahu nea mayɛ mo yi? 13 Mo de, mofrɛ me kyerɛkyerɛfo ne Awurade, na moka nokware; na meyɛ. 14 Afei sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho. 15 Na mama mo sennahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara. 16 Nokware, nokware, mise mo sɛ: Akoa nsen ne wura, na ɔsomafo nsen nea ɔsomaa no. 17 Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo. 18 Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me de, minim wɔn a mapaw wɔn. Na ɛyɛe na kyerɛwsɛm no aba mu sɛ: Nea odi m'abodoo no na wama ne nantin so atia me. 19 Afei mise mo ansa na aba, na sɛ enya ba a, moagye adi sɛ mene no. 20 Nokware, nokware, mise mo sɛ: Nea ogye obi a mesomaa no no, ogye me; na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no.

Ɔfatwafo

21 Yesu kaa saa no, ne ho yeraw no honhom mu, na odii adanse sɛ: Nokware, nokware, mise mo sɛ, mo mu biako beyi me ama. 22 Ɛnna asuafo no hwehwɛɛ wɔn ho anim, wonhu onii ko a ɔde no. 23 Na asuafo no mu biako a Yesu dɔ no tweri Yesu kokom; 24 ɛnna Simon Petro buu no ani see no sɛ: Bisa no nea ɔka ne ho asɛm no. 25 Enti ɔpa twerii Yesu kokom see no sɛ: Awurade, ɛyɛ hena? 26 Yesu buae sɛ: Ɔno ne nea mede abodoo sin mɛbɔ mu mama no no. Na ɔde abodoo sin no bɔɔ mu maa Yuda Iskariot, Simon ba. 27 Na ogyee abodoo sin no akyi no, ɛno na Satan hyɛn no mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm! 28 Na eyi de, wɔn a wɔte adidii no mu biara anhu nea enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no. ! 29 Na ebinom susuwii sɛ Yuda kura kotoku no nti na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔtotɔ nea ehia yen sie afahyɛ no, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafo. 30 Ɛnna ogyee abodoo sin no no, ntem ara na ofii adi; na eye anadwo.

Ahyede foforo a ɛne ɔdɔ

31 Ɛnna ofii adi no, Yesu kae sɛ: Afei woahyɛ onipa ba no anuonyam, na Onyankopɔn anya no mu anuonyam. 32 Sɛ Onyankopɔn anya no mu anuonyam a, Onyankopɔn nso bɛhyɛ no anuonyam n'ankasa ne mu, na ɔbɛhyɛ no anuonyam ntɛm. 33 Mma nkumaa, bere tiaa bi na aka a me ne mo wo hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛnea meka mekyerɛɛ Yudafo no sɛ: Nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ no, saa ara na mise mo nso afei. 34 Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! 35 Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m'asuafo.

Petro pa a ɔbɛpa Yesu ho nkɔmhyɛ

36 Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛhe na worekɔ? Yesu buaa no sɛ: Nea merekɔ no, wuntumi nni m'akyi mprempren; na akyiri no na wubedi m'akyi. 37 Petro see no sɛ: Awurade, ɛdɛn nti na mintumi minni w'akyi mprempren? Mede me kra mɛto hɔ mama wo! 38 Yesu buaa no sɛ: Wode wo kra bɛto hɔ ama me? Nokware, nokware, mise wo sɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa!

14

Kristo kɔ ne ne sanba

1 Mommma mo koma nntutu! Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni. 2 Trabere pii wo m'agya ofi; sɛ ɛnte saa a, anka mɛka makyerɛ mo sɛ merekɔ makosiesie baabi mama mo anaa? 3 Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m'ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ. 4 Na nea merekɔ no, munim hɔ kwan nso. 5 Toma see no sɛ: Awurade, yennim nea worekɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yebetumi ahu kwan? 6 Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so. 7 Sɛ munim me a, anka moahu m'agya no nso; na efi nnɛ munim no, na moahu no.

Kristo ne agya no yɛ biako

8 Filipo see no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn. 9 Yesu see no sɛ: Me ne mo wo hɔ dabidabi yi, munhmi me anaa, Filipo? Nea wahu me no ahu agya no, na adɛn nti na wuse: kyerɛ yen agya no? 10 Wunnye nni sɛ mewɔ agya no mu, na agya no nso wo me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, emfi m'ankasa me tirim ne meka, na agya a ɔte me mu no, ɔno na ɔyɛ nnwuma no. 11 Munnye me nni sɛ mewɔ agya no mu, na agya no nso wv me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti munnye me nni! 12 Nokware, nokware, mise mo sɛ: Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m'agya no nkyɛn. 13 Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na agya no anya anuonyam ɔba no mu. 14 Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me de, mɛyɛ.

Honhom Kronkron ho bɔhyɛ

15 Sɛ modɔ me a, munni m'ahyɛde so! 16 Na me de, mebisa agya no, na wama mo okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtra daa: 17 nokware honhom a wiase ntumi nnye no no, efisɛ enhu no, nanso ennim no; na mo de, munim no, efisɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtra mo mu. 18 Merennyaw mo nyisaa, mɛba mo nkyɛn. 19 Aka kakraa na wiase nhu me bio; na mo de, muhu me, efisɛ mete ase, na mo nso mobɛtra ase. 20 Da no ara mubehu sɛ mewɔ m'agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu. 21 Nea ɔwɔ m'ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m'agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.

Osetie ne ɔdɔ

22 Yuda—ɛnyɛ Iskariot no—see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebeyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase? 23 Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, obedi m'asɛm so, na m'agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn trabere ne nkyɛn. 24 Nea ɔnnɔ me no nni me nsɛm so; na asɛm a mote no nyɛ me dea, na ɛyɛ agya a ɔsomaa me no dea.

Honhom Kronkron yɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛse

25 Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka mo eyinom; 26 na okyigyinafo a ɔne Honhom Kronkron a m'agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa. 27 Asomdwoe na mede migyaw mo, m'asomdwoe na mede mema mo; ɛnyɛ sɛnea wiase ma na mema mo. Mommma mo koma nntutu, nanso mommma ɛmmpere mo!

Kristo bekɔ agya no nkym

28 Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Mekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani begye sɛ merekɔ agya no nkyɛn, efisɛ m'agya no yɛ kɛse sen me. 29 Afei maka makyerɛ mo ansa na aba, na sɛ enya ba a, moagye adi. 30 Me ne mo renkasa pii bio; na wi yi ase sodifo no reba, nanso ɔrennya me hɔ hwee. 31 Nanso meyɛ sɛnea agya no hyɛɛ me no, na wiase ahu sɛ medɔ agya no. Monsɔre mma yemfi ha nkɔ!

15

Nokware bobe no

1 Mene nokware bobe no, na m'agya ne okuafo no. 2 Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na asow aba bebree. 3 Asɛm a maka makyerɛ mo no nti mo ho anya afi. 4 Montra me mu, na me nso mentra mo mu. Sɛnea baa ntumi mfi n'ankasa mu nsow aba gye sɛ ɛtra obobe no mu no, saa ara nso na muntumi, gye sɛ motra me mu. 5 Mene bobe no, mone abaa no. Nea ɔtra me mu na me nso metra no mu no, ɔno na ɔsow aba pii; na mokwati me a, muntumi nye hwee. 6 Sɛ obi antra me mu a, wɔtow no kyene sɛ baa, na ewu; na wɔboaboa ano de kogu gya mu, na ɛhyew.

Kristo mu ayɔnkofa nam osetie so

7 Sɛ motra me mu na me nsɛm tra mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ ama mo. 8 Eyi mu na wɔahyɛ m'agya anuonyam, sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo. 9 Sɛnea agya no adɔ me no na me nso madɔ mo; montra me dɔ no mu. 10 Sɛ mudi m'ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu, sɛnea madi m'agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no,

Anigye a ebedi akyiri

11 Maka eyinom nyinaa makyerɛ mo, na m'anigye atra mo mu, na mo anigyeawie pɛyɛ. 12 Eyi ne m'ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no. 13 Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo. 14 Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo. 15 Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ; na mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nneɛma a mate m'agya nkyɛn no nyinaa maka makyerɛ mo. 16 Ɛnyɛ mo na moapaw me, na me na mapaw mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ na monkɔsow aba, na mo aba no ntra hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ agya no me din mu no, ɔde ama mo.

Wiase tan ne ɔtaa

17 Eyi na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho. 18 Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo. 19 Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n'ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo. 20 Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m'asɛm so a, wobedi mo de so bi. 21. Na eyinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no.

Ɔfom a wɔfom tia hann no

22 Sɛ mamma mammɛka mankyerɛ wɔn a, anka wonni bɔne; na afei de, wonni wɔn bɔne ho anoyi. 23 Nea ɔtan me no tan m'agya no nso. 24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛe da wɔn mu a, anka wonni bɔne; na afei de, wɔahu, nanso wɔatan me ne m'agya. 25 Na ɛyɛe na asɛm a wɔakyerɛw no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtan me kwa.

Honhom fam hann ne wiase ha adansedi

26 Na okyigyinafo a mɛsoma no mabrɛ mo afi agya no nkyɛn, nokware honhom a ofi agya no nkyɛn reba no, sɛ onya ba a, ɔno na obedi me ho adanse; 27 na mo nso mubedi adanse, efisɛ moka me ho fi mfiase.

16

Ɔtaa ne mogya adansedi ho nkɔmhyɛ

1 Eyinom na maka makyerɛ mo na moanhintiw. 2 Wobetu mo afi hyiadan mu; mpo ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn. 3 Na wɔbɛyɛ eyinom, efisɛ wonhuu agya no ne me ɛ. 4 Na maka eyinom makyerɛ mo, na sɛ bere no du a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo eyinom mamfi mfiase, efisɛ me ne mo wo hɔ. 5 Na afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekɔ? 6 Na sɛ maka eyinom makyerɛ mo nti, awerɛhow ahyɛ mo koma ma.

Honhom Kronkron ba

7 Na meka mo nokware, eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn, 8 Na ɔno de, sɛ ɔba a, obeyi wiase ntɛn bɔne ne trenee ne atemmu ho! 9 Bɔne ho, efisɛ wonnye me nni; 10 ne trenee ho, efisɛ merekɔ agya no nkyɛn, na munhu me bio; 11 ne atemmu ho, efisɛ wɔabu wi yi ase sodifo no atɛn.

Nokware

12 Mewɔ nsɛm pii bio meka mekyerɛ mo, nanso muntumi nsoa mprempren. 13 Na sɛ ɔno, nokware honhom no nya ba a, obɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu. Na emfi n'ankasa mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛte no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma a ɛreba. 14 Ɔno na ɔbɛhye me anuonyam; efisɛ ɔbɛfa me de bi na ɔde abɛkyerɛ mo. 15 Nneɛma a m'agya wo nyinaa yɛ me dea; eyi nti na mekae sɛ: Ɔbɛfa me de bi na ɔde abɛkyerɛ mo,

Daa anigye

16 Aka kakraa na munhu me; na bio aka kakraa mubehu me. 17 Ɛnna n'asuafo no mu binom kekae wɔn mu sɛ: Dɛn na ose yɛn sɛ: Aka kakraa na munhu me, na bio aka kakraa mubehu me, ɛne sɛ: Merekɔ agya no nkyɛn yi? 18 Ɛnna wose: Dɛn ne nea ɔka yi sɛ: Aka kakraa? Yenhu nea ɔka yi. 19 Ɛnna Yesu hui sɛ wɔpɛ abisa no, na osee wɔn sɛ: Eyi ho na mubisabisa wo mo mu, sɛ mekae sɛ: Aka kakraa na munhu me, na bio aka kakraa mubehu me. 20 Nokware, nokware, mise mo sɛ: mubesu na moatwa adwo, na wiasefo ani begye; na mo de, mo werɛ bɛhow; nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye. 21 Ɔbea, sɛ ɔrewo a, ohu awerehow, efisɛ ne dɔn adu; na sɛ onya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigye a wanya sɛ wawo onipa aba wiase no nti. 22 Na mo nso, afei de, mowɔ awerɛhow; na mehu mo bio, na mo koma bɛtɔ mo yam, na mo anigye no, obi rennye mo nsam. 23 Na da no moremmisa me biribiara.

Kristo din mu adesrɛ

Nokware, nokware, mise mo sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ agya no me din mu no, ɔde bɛma mo. 24 Ɛde bedu sesɛɛ de, monsrɛɛ biribi me din mu ɛ; monsrɛ, na mubenya, na mo anigye awie pɛyɛ. 25 Eyinom na maka mo mmebu mu; na bere no reba a merenkasa menkyerɛ mo mmebu mu bio, na mɛka agya no ho asɛm makyerɛ mo pefee. 26 Da no na mobɛsrɛ me din mu, na menka menkyerɛ mo sɛ mebisa agya no mama mo; 27 na agya no ankasa dɔ mo, efisɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mifi Nyankopɔn nkyɛn na mebae. 28 Mifii agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefi wiase na makɔ agya no nkyɛn. 29 N'asuafo no see no sɛ: Hwɛ, afei de, wokasa pefee, na wummu bɛ biara, 30 Afei yɛahu sɛ wunim nneɛma nyinaa, na enhia wo sɛ obi bisa wo; eyi mu na yegye di sɛ wufii Nyankopɔn nkyɛn na ebae. 31 Yesu buaa wɔn sɛ: Afei de, mugye di? 32 Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkurow mu, na moagyaw me nko; nanso ɛnkaa me nko ɛ, efisɛ agya no ka me ho. 33 Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.

17

Kristo bɔ mpae ma ne ho

1 Eyinom na Yesu kae, na ɔmaa n'ani so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkae sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo ba anuonyam, na ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam, 2 sɛnea womaa no ɔhonam nyinaa so tumi, sɛ ade biara a wode ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa. 3 Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no. 4 Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no. 5 Na afei, agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!

Ɔbɔ mpae ma n'asuafo

6 Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w'asem so. 7 Afei wɔahu sɛ nneɛma a wode ama me no nyinaa fi wo nkyɛn; 8 efisɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahu ampa sɛ mifi wo nkyɛn na mebae, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me. 9 Me de, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na wɔn a wode wɔn ama me no, efisɛ wɔyɛ wo dea. 10 Na ade nyinaa yɛ wo dea, na wo de nso yɛ me dea; na manya anuonyam wɔn mu. 11 Na afei minni wiase bio, —na eyinom na ɛwɔ wiase, na me de, mereba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ biako sɛ yɛn. 12 Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn misiee wo din mu; wɔn a wode wɔn ama me no, mawɛn won, na wɔn mu bi anyera, gye ɔyera ba no, —na kyerɛwsɛm no aba mu. 13 Na afei na mereba wo nkyɛn, na meka eyinom wi yi ase, na wɔanya m'anigye ma awie pɛyɛ wɔ wɔn mu. 14 Mede w'asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. 15 Mensre sɛ: Yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Yi wɔn fi ɔbɔne no ho sie! 16 Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. 17 Yɛ wɔn kronkron wo nokware no mu; w'asɛm yɛ nokware. 18 Sɛnea wosomaa me wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn wiase. 19 Na meyɛ me ho kronkron mema wɔn, na wɔn nso ayɛ kronkron wo nokware mu.

Ɔbɔ mpae ma n'akyidifo a wɔbɛba

20 Na ɛnyɛ eyinom nkutoo nti na mesrɛ, na wɔn a wɔnam wɔn asɛm so begye me adi nso nti, 21 sɛ wɔn nyinaa nye biako, sɛnea wo, agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nye biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me. 22 Na mede anuonyam a wode ama me no mama wɔn, sɛ wɔnyɛ biako, sɛnea yɛyɛ biako no. 23 Mewɔ wɔn mu na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ biakoye mu, na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no. 24 Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepe sɛ nea mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wonhu m'anuonyam a womaa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase. 25 Agya trenee, wiase anhu wo, na me de, mahu wo, na eyinom ahu sɛ wo na wosomaa me; 26 na mayi wo din makyerɛ wɔn, na meyi makyerɛ; na ɔdɔ a wode dɔ me no atra wɔn mu, na matra wɔn mu.

18

Yuda de asraafo ba

1 Yesu kaa eyinom no, ɔne n'asuafo no fii adi kotwaa asu Kidron, nea turo bi wɔ, na ɔne n'asuafo no kɔɔ mu. 2 Na Yuda nso a oyii no mae no nim hɔ, efisɛ Yesu ne n'asuafo no taa kohyia hɔ. 3 Ɛnna Yuda de asraafokuw ne asomfo a wofi asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn baa hɔ; wokurakura agyatɛn, akanea ne akode. 4 Ɛnna Yesu a onim nea ɛreba no so nyinaa no fii adi, na osee wɔn sɛ: Mohwehwɛ hena? 5 Wobuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Mini! Nso Yuda a oyii no mae no nso ne wɔn na egyina hɔ. 6 Ɛnna osee wɔn sɛ: Mini! no, wopinii nkyirinkyiri, na wɔhwehwee ase. 7 Ɛnna obisaa wɔn bio sɛ: Mohwehwɛ hena? Na wose: Yesu, Nasareni no, 8 Yesu buae sɛ: Maka makyerɛ mo sɛ mini; enti sɛ me na mohwehwɛ me a, momma eyinom nkɔ! 9 Sɛ asɛm a ɔkae sɛ: Wɔn a wode wɔn ama me no, mamma wɔn mu biara anyera, no mmra mu.

Petro abufuhyew

10 Ɛnna Simon Petro a okura nkrante no twee, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panyin no akoa, na otwaa n'aso nifa; na akoa no din de Malko. 11 Ɛnna Yesu see Petro sɛ: Fa nkrante no hyɛ boha mu! Kuruwa a m'agya de ama me no, mennnom anaa?

Wɔkyere Yesu kɔma Hana

12 Ɛnna asraafokuw ne wɔn safohene ne Yudafo asomfo no soo Yesu mu, na wɔkyekyeree no, 13 na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kan; na Kaiafa a odi afe no mu sɔfo panyin ase ne no, 14 Nso Kaiafa no ne nea otuu Yudafo no fo sɛ: Eye sɛ onipa biako bewu ama ɔman no.

Petro pa n'Awurade

15 Na Simon Petro ne osuani biako bi dii Yesu akyi; nso osofo panyin no nim osuani no, na ɔne Yesu hyɛn ɔsɔfo panyin aban mu hɔ. 16 Na Petro de, ogyinaa mfikyiri ɔpon no ano. Ɛnna osuani biako a ɔsɔfo panyin no nim no no fii adi bɛka kyerɛɛ ɔbea a ɔhwɛ ɔpon ano no, na ɔde Petro baa mu. 17 Ɛnna abaawa a ɔhwɛ ɔpon ano no see Petro sɛ: Wo nso wumfi onipa yi asuafo mu bi anaa? Ose: Dabi. 18 Nso nkoa ne asomfo no gyinagyina hɔ asɔ ogya, efisɛ awɔw aba, na wɔto; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔto bi.

Ɔsɔfo panyin no asɛmimisa

19 Ɛnna ɔsɔfo panyin no bisaa Yesu n'asuafo ne ne kyerɛ ho asɛm. 20 Yesu buaa no sɛ: Me de, mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, nea Yudafo nyinaa ahyia, na kokoam de menkaa hwee. 21 Adɛn na wubisa me? Bisa wɔn a wɔtee ne nea mekaa wɔn; hwɛ, wɔn na wonim nea mekae. 22 Na ɔkaa saa no, asomfo no mu biako a ogyina hɔ no bɔɔ Yesu sotɔre kae sɛ: Sɛnea wubua ɔsɔfo panyin ni? 23 Yesu buaa no sɛ: Sɛ maka no bɔne a, di bɔne no ho adanse; na sɛ eye a, adɛn nti na wobɔɔ me? 24 Hana ma wɔde no hama mu kɔmaa ɔsɔfo panyin Kaiafa.

Petro pa n'Awurade bio

25 Na Simon Petro gyina hɔ reto gya, Ɛnna wosee no sɛ: Wo nso wumfi n'asuafo no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi! 26 Ɔsofo panyin no nkoa no mu biako a ɔyɛ nea Petro twaa n'aso no busuani kae sɛ: Manhu wo ne no turom hɔ? 27 Ɛnna Petro sanee bio, na ntɛm ara akokɔ bɔnee.

Wɔde Kristo kɔma amrado

28 Ɛnna wɔde Yesu fi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ankasa de, wɔanhyɛn amrado aban no mu, na wɔn ho ankum, na wɔadi Twam no. 29 Ɛnna Pilato fii adi baa wɔn nkyɛn, na ɔkae sɛ: Ntɛn bɛn na mode bae onipa yi ho? 30 Wobua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛfo a, anka yɛamfa no ammrɛ wo. 31 Ɛnna Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no, na munkobu no atɛn sɛnea mo mmara te. Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Yɛn de, yenni ho kwan sɛ yekum obiara. 32 Ɛbae saa na Yesu asɛm a ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu no aba mu.

Pilato asɛmmisa

33 Ɛnna Pilato hyɛn amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu see no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? 34 Yesu buaa no sɛ: Efi wo ankasa wo tirim na woka yi, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ wo? 35 Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ankasa wo manfo ne asɔfo mpanyin no na wɔde wo brɛɛ me; dɛn na woyɛe? 36 Yesu buae sɛ: M'ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m'ahenni fi wi yi ase a, anka m'asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m'ahenni mfi ha. 37 Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene nen? Yesu buae se; Wo na woka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne. 38 Pilato see no sɛ: Dɛn ne nokware?

Pilato pɛ sɛ ogyaa no

Na ɔkaa eyi no, ofii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn bio na osee wɔn sɛ: Me de, minhu no mu afobusɛm biara. 39 Nso mowɔ amanne sɛ migyaa obiako mema mo Twam da mu; enti mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no mema mo anaa? 40 Ɛnna wɔn nyinaa teɛɛm bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba!—Nso Baraba yɛ odwowtwafo.

19

Wɔhwe Yesu di ne ho fɛw

1 Ɛnna afei Pilato faa Yesu, na ɔkaa no mpire. 2 Na asraafo no nwenee nsɔe abotiri na wɔde bɔɔ ne ti, na wɔde ntama kɔkɔɔ bi guguu no so, 3 na wɔbaa ne nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yudafo hene, mmo oo! Na wɔbobɔ no asotɔre.

Pilato di ma Yesu

4 Ɛnna Pilato fii adi bae bio, na osee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahu sɛ minhu no mu afobusɛm biara. 5 Ɛnna Yesu fii adi bae, na ɔbɔ nsɔe abotiri hyɛ atade kɔkɔɔ no. Na osee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no ni! 6 Ɛnna asɔfo mpanyin ne asomfo no huu no no, wɔteɛteɛɛm sɛ: Bɔ no asɛndua mu, bɔ no asɛndua mu! Pilato see wɔn sɛ: Mo ankasa momfa no nkɔbɔ no asɛndua mu! Na me de, minhu no mu afobusɛm biara. 7 Yudafo no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti etwa sɛ owu, efisɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba.

Pilato bisa no nsɛm bio

8 Ɛnna Pilato tee asɛm yi no, osuroe pii, 9 na ɔhyɛn amrado aban no mu bio, na osee Yesu sɛ: Wufi he? Na Yesu ammua no. 10 Ɛnna Pilato see no sɛ: Wo ne me nkasa? Wunnim sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo, na mewɔ tumi sɛ mebɔ wo asɛndua mu? 11 Yesu buae sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfi soro a, anka wunni me so tumi biara; eyi nti nea oyii me maa wo no na ne bɔne so.

Pilato bu no kumfɔ

12 Efi eyi so no, Pilato hwehwɛe sɛ ogyaa no; na Yudafo no teɛɛm sɛ: Sɛ wugyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare. 13 Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu fii adi, na ɔbɛtraa atemmu agua so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-nsɛwee, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata. 14 Na ɛyɛ Twam ho siesie da, na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so asia. Na osee Yudafo no sɛ: Hwɛ, mo hene ni! 15 Na wɔteɛɛm sɛ: Fa no kɔ, fa no kɔ! Bɔ no asɛndua mu! Pilato see wɔn sɛ: Memmɔ mo hene asɛnduam anaa? Asɔfo mpanyin no buae sɛ: Yenni hene bi sɛ Kaesare. 16 Ɛno na afei oyii no maa wɔn hyɛe sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.

Yesu asɛndua mu bɔ

Na wɔfaa Yesu de no kɔe. 17 Na ɔso n'asɛndua fii adi koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Nitiriso a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota. 18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛndua mu a nnipa baanu ka ne ho n'afanu, na Yesu wɔ ntam. 19 Na Pilato kyerɛw ɛho asɛm nso, na ɔde fam asɛndua no atifi, na ɛka sɛ: Yesu, Nasareni, Yudafo hene, 20 Saa kyerɛw yi na Yudafo no mu pii kanee, efisɛ nea wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu hɔ bɛn kurow no; na wɔakyerɛw no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu. 21 Na Yudafo asɔfo mpanyin no see Pilato sɛ: Nkyerɛw sɛ: Yudafo hene, na kyerɛw sɛ: Ɔno na ɔkae sɛ: Mene Yudafo hene. 22 Pilato buae sɛ: Nea makyerɛw no, makyerɛw.

Asraafo no fa ne ntama

23 Na asraafo no bɔɔ Yesu asɛndua mu no, wɔfaa ne ntama, na wɔkyɛɛ mu anan maa ɔsraani biara nyaa biako, ne n'atade. Nso atade no nni mpamee, wɔnwenee fi soro besii fam. 24 Ɛnna wosisee wɔn ho sɛ: Mommma yɛnnsunsuane mu, na momma yɛmmɔ so ntonto nhu nea ɛbɛyɛ ne dea. Na kyerɛwsɛm a ese: Wɔkyɛɛ me ntama mu fae, na m'atade so na wɔbɔɔ ntonto, no baa mu. Enti asraafo no na ɛyɛɛ eyinom.

Maria ne Yohane ho asɛm

25 Nso Yesu ne na ne ne na nuabea, Maria, Klopa yere, ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛndua no ho. 26 Na Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔne no gyina hɔ no, osee ne na sɛ: Ɔbea, hwɛ, wo ba ni! 27 Afei osee osuani no sɛ: Hwɛ, wo na nil Na efi dɔn no ara mu no, osuani no de no kɔɔ n'ankasa fi.

Yesu wu

28 Eyi akyi a Yesu hui sɛ wɔanya awie nneɛma nyinaa no, sɛnea ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu nti, ɔkae sɛ: Osukɔm de me. 29 Nso nsa nyinyanyinya ade bi ma si hɔ, na wɔde nsa no bi yɛɛ posaw ma, na wɔde tuaa sommɛ ano de kaa n'ano. 30 Ɛnna Yesu gyee nsa nyinyanyinya no no, ɔkae sɛ: Wɔawie! Na ɔbɔɔ ne ti ase de ne honhom mae. 31 Nso da no yɛ Ahosiesie da, na sɛnea ɛbɛyɛ na amu no renka asɛndua no so homeda, na saa homeda no yɛ da kɛse nti, Yudafo no bɛsrɛɛ Pilato sɛ wonkobubu wɔn nnyawa na wonyi wɔn. 32 Ɛnna asraafo no bae bebubuu nea odi kan no nnyawa ne nea ɔka ho a wɔbɔɔ ɔne no asɛndua mu no de. 33 Na woduu Yesu so na wohui se wawu dedaw no, wɔammubu ne nnyawa. 34 Na asraafo no mu biako de peaw wɔɔ ne mfem, na ntɛm ara na mogya ne nsu fii mu bae. 35 Na nea ohui no adi adanse, na n'adanse no yɛ nokware, na ɔno de, onim sɛ ɔka nokware, na mo nso moagye adi. 36 Na wɔyɛɛ eyinom na kyerɛwsɛm a ese: Wommmu ne dompe bi, no aba mu. 37 Na kyerɛwsɛm foforo bio sɛ: Wobɛhwɛ nea wɔwɔɔ no no.

Yesu sie

38 Na eyinom akyi no, Yosef a ofi Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafo ho hu nti ɔyɛ no kokoam no bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma onyi Yesu amu no; na Pilato maa no ho kwan. Na ɔba beyii n'amu no. 39 Na Nikodemo nso a kan ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo no bae, na ɔde kurobow ne pɛprɛ mfrafrae bɛyɛ sɛ nkaribo ɔha bae. 40 Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuru kyekyeree ne ho, sɛnea Yudafo amusie te no. 41 Nso nea wɔbɔɔ no asɛndua mu hɔ no, turo bi wɔ hɔ, na turo no mu na ɔboda foforo bi a wɔmfaa onipa ntoo mu da wɔ; 42 na ehɔ na Yudafo Ahosiesie da no nti, wɔde Yesu kɔtoe, efisɛ ɔboda no na ɛbɛn.

20

Ɔda hunu

1 Na da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutuutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔda no ho, na obehui sɛ wɔayi ɔbo no afi ɔda no ano. 2 Ɛnna otuu mmirika baa Simon Petro ne osuani biako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na osee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afi ɔda no mu, na yennim nea wɔde no akɔto. 3 Ɛnna Petro ne osuani biako no fii adi baa ɔda no ho. 4 Na wɔn baanu nyinaa tutuu mmirika, na osuani biako no yɛɛ ntɛm twaa Petro ho, na okoduu ɔda no ho kan. 5 Na ɔbrɛɛ ne mu ase hwɛɛ mu no, n'ani bɔɔ nwera no so sɛ egu hɔ de, nanso wankɔ mu, 6 Ɛnna Simon Petro dii n'akyi bae, na ɔkɔɔ ɔda no mu, na ohuu nwera no sɛ egu hɔ 7 ne dukuu a wɔde bɔɔ ne ti nanso engu nwera no ho, na mmom wɔabobɔw no nkutoo da baabi no. 8 Ɛno na afei osuani biako a oduu ɔda no ho kan no nso hyɛn mu, na ohui, na ogye dii, 9 Na wonnya nhuu kyerɛwsɛm no sɛ etwa sɛ ɔsɔre fi awufo mu no ɛ. 10 Ɛnna asuafo no san baa wɔn fi bio.

Maria hu abɔfo baanu

11 Na Maria de, na ogyina ɔboda no ho resu. Ɛnna ɔresu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔda no mu, 12 na ohuu abɔfo baanu a wɔhyɛ ntade fitaa sɛ wɔtete hɔ, obiako te atifi, na obiako te anafo, nea Yesu amu dae hɔ. 13 Na wobisaa no sɛ: Ɔbea, adɛn na wusu? Osee wɔn sɛ: Efisɛ wɔafa me wura kɔ, na minnim nea wɔde no akɔto ntia.

Maria ne Yesu kasa

14 Na ɔkaa saa no, ɔdan ne ho hwɛɛ n'akyi, na ohuu Yesu sɛ ogyina hɔ, na onnim sɛ ɛyɛ Yesu. 15 Yesu see no sɛ: Ɔbea, adɛn na wusu? Wohwehwɛ hena? Na ɔno de, osusuwii sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfo nti, osee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me nea wode no akɔto, na menkɔfa no! 16 Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdan ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Rabuni! (ase ne: Ɔkyerɛkyerɛfo). 17 Yesu see no sɛ: Nka me, na minnya menkɔɔ ɔsoro m'agya nkyɛn e. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: merebɛkɔ ɔsoro, m'agya ne mo agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn. 18 Na Maria Magdalene ba bɛka kyerɛɛ asuafo no sɛ wahu Awurade na waka eyinom akyerɛ no.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ n'asuafo

19 Ɛnna da a edi nnawɔtwe kan no ara, eduu anwummere na Yudafo no ho hu nti wɔatoto apon mu nea asuafo no ahyia hɔ no, Yesu ba begyinaa wɔn mfinimfini, na osee wɔn sɛ: Asomdwoe nka mo! 20 Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Na asuafo no huu Awurade no, wɔn ani gyei. 21 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoe nka mo! Sɛnea agya asoma me no, me nso mesoma mo, 22 Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na osee wɔn sɛ: Munnye Honhom Kronkron! 23 Wɔn a mode wɔn bɔne firi wɔn no, wɔde afiri wɔn; na wɔn a moma wɔn bɔne tra hɔ no, wɔama atra hɔ.

Toma akyinnyegye

24 Na Toma, dumien no mu biako a wɔfrɛ no Ata no, nni wɔn mu na Yesu bae. 25 Ɛnna asuafo no see no sɛ: Yɛahu Awurade. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ manhu ne nsam nnadewa no anan mu, na mamfa me nsateaa manka nnadewa no anan mu, na mamfa me nsa manka ne mfem a, minnye minni.

Yesu yi ne ho adi bio

26 Na ɛno akyi nnawɔtwe, n'asuafo no wɔ ɔdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso apon no mu atoto, na obegyinaa wɔn mfinimfini, na ɔkae sɛ: Asomdwoe nka mo! 27 Ɛnna afei osee Toma sɛ: Fa wo nsateaa bra ha na bɛhwɛ me nsam, na fa wo nsa bɛka me mfem, na nyɛ okyinnyegyefo, na gye di! 28 Toma bua see no sɛ: M'Awurade ne me Nyankopɔn! 29 Yesu see no sɛ: Toma, sɛ wɔahu me nti na woagye adi. Nhyira ne wɔn a wonhui na wogye di.

Asɛmpa yi botae

30 Na afei, nsɛnkyerɛnne pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛe asuafo no anim a wɔankyerɛw nhoma yi mu. 31 Na eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu.

21

Mpataayi

1 Eyinom akyi no, Yesu yii ne ho kyerɛɛ n'asuafo no bio Tiberia po ho. Na sɛnea oyii ne ho kyerɛe ni: 2 Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n'asuafo no mu baanu nso wɔ hɔ. 3 Simon Petro see wɔn sɛ: Merekɔ po. Wosee no sɛ: Yɛn nso, yɛne wo bɛkɔ. Wofii adi kɔɔ ɔkorow mu, na anadwo no, wɔanyi hwee. 4 Na ade reyɛ akye no, Yesu begyinaa mpoano, nanso asuafo no nnim sɛ ɛyɛ Yesu. 5 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Yaanom, moanya nam anaa? Wobuaa no sɛ: Dabi. 6 Na osee wɔn sɛ: Momfa asawu no ngu ɔkorow no nifa, na mubenya bi. Ɛnna wogui, na mpataa no dodow nti, wontumi ntwe bio. 7 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n'atade kyekyerɛɛ ne ho so, efisɛ na ɔda adagyaw, na ɔtow ne ho hwee po no mu. 8 Na asuafo a aka no nam ɔkorow kumaa no mu bae, na wɔne asase so nware, na ɛbɛyɛ sɛ basafa ahanu, na wɔtwee asawu no ne mpataa no.

Wɔne Kristo di abodoo ne mpataa

9 Na wosii fam no, wohuu nnyansramma sɛ egu hɔ, ne nam a egu so, ne abodoo. 10 Na Yesu see wɔn sɛ: Momfa nam a muyii mprempren no bi mmra! 11 Simon Petro kɔe, na ɔkɔtwee asawu no baa asase so na mpataa akɛse ɔha aduonum abiɛsa ayɛ no ma; wɔdɔɔso sɛɛ de, nanso asawu no antetew. 12 Yesu see wɔn sɛ: Mommra mmɛka mo ano. Nso asuafo no mu biara antumi ammisa no sɛ: Woyɛ hena? Na wonim sɛ ɛyɛ Awurade. 13 Ɛnna Yesu bɛfaa abodoo no de maa wɔn, ɛne apataa no saa ara. 14 Eyi ne ne mprensa a Yesu nyan fii awufo mu no, oyii ne ho kyerɛɛ asuafo no.

Yesu sɔ Petro dɔ hwɛ

15 Ɛnna wodidi wiei no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo. Osee no sɛ: Yɛn me nguammaa! 16 Osee no ne mprenu so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo. Osee no sɛ: Hwɛ me nguan! 17 Osee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛhow sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na osee no sɛ: Awurade, wunim ade nyinaa, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguan! 18 Nokware, nokware, mise wo sɛ, woyɛ aberante no, wobɔ wo ho so, na wonam nea wopɛ; na wunya bɔ akora a, wobɛteɛ wo nsa, na obi abɔ wo so, na ɔde wo akɔ nea wompɛ. 19 Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Na ɔkaa eyi no, osee no sɛ: Di m'akyi!

Yesu sanba

20 Ɛnna Petro dan n'ani no, ohuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ odi wɔn akyi, ɔno na otwerii ne kokom adidi no ase a ɔkae sɛ: Awurade, hena ne nea obeyi wo ama no? 21 Ɔno na Petro huu no no, osee Yesu sɛ: Awurade, na oyi ɛ? 22 Yesu see no sɛ: Sɛ mepɛ sɛ ɔtra hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho dɛn? Wo de, di m'akyi! 23 Ɛnna asɛm yi trɛwee anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ose: Sɛ mepɛ sɛ ɔtra hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho dɛn?

Yesu ho adansedi

24 Oyi ne osuani a odi eyinom ho adanse na ɔkyerɛw eyinom no; na yenim sɛ n'adanse no yɛ nokware. 25 Na nneɛma pii wɔ hɔ nso a Yesu yɛe, ɛno na sɛ wɔkyerɛw ne nyinaa mmiako mmiako a, anka misusuw sɛ nhoma a wɔbɛkyerɛw no rensen wiase mpo.


AMAZING GRACE BIBLE INSTITUTE